Luka 13 - KYERƐW KRONKRONAsotwe ho asɛnka 1 Saa bere no ara na nnipa bi a ɛwɔ hɔ kaa Galileafo a Pilato de wɔn mogya frafraa wɔn afɔre mu no ho asɛm kyerɛɛ no. 2 Na obua see wɔn sɛ: Mususuw sɛ Galileafo yi huu saa amane yi nti na wɔyɛ nnebɔneyɛfo sen Galileafo nyinaa? 3 Mise mo sɛ: Ɛnte sa, na mmom sɛ moansakra mo adwene a, mo nyinaa bɛyera saa ara. 4 Anaasɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu hwee wɔn so na ekum wɔn no, mususuw sɛ wɔyɛ nnebɔneyɛfo sen nnipa a wɔte Yerusalem nyinaa? 5 Mise mo sɛ: Ɛnte sa, na mmom sɛ moansakra mo adwene a, mo nyinaa bɛyera saa ara. Borɔdɔma a ɛnsow aba 6 Na obuu wɔn bɛ yi sɛ: Obi wɔ borɔdɔma a wadua wɔ ne bobe turom; na ɔbae bɛhwehwɛɛ so aba, na wannya bi. 7 Na ɔka kyerɛɛ turomhwɛfo no sɛ: Hwɛ, mfirihyia abiɛsa ni a maba mabɛhwehwɛ borɔdɔma yi so aba, na mannya bi. Twa kyene! Adɛn nti na agye asase no akɛntɛn so? 8 Na obua see no sɛ: Owura, ma ensi hɔ afe yi nso nkosi sɛ mefunufunu ho magugu ase sumina. 9 Na ebia ɛbɛsow; na sɛ ansow ansa a, woatwa akyene. Homeda bi ayaresa 10 Na ɔkyerɛkyerɛe hyiadan bi mu homeda. 11 Na hwɛ, ɔbea bi wɔ hɔ a ɔwɔ ahoɔmmerɛw honhom mfirihyia dunwɔtwe, na wapono a ontumi nteɛ ne mu koraa po. 12 Na Yesu huu no no, ɔfrɛɛ no, na osee no sɛ: Ɔbea, wɔasan wo afi wo ahoɔmmerɛw mu. 13 Na ɔde ne nsa guu no so, na amonom hɔ ara na ɔteɛe ne mu, na oyii Nyankopɔn ayɛ. 14 Na hyiadan no mu panyin a ɛyɛɛ no ahi sɛ Yesu asa ɔyare homeda bua see nkurɔfokuw no sɛ: Nnansia wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ nnipa yɛ mu adwuma; emu na mommra na wɔnsa mo yare, na ɛnyɛ homeda. 15 Na Awurade buaa no sɛ: Nyaatwomfo! So mo mu biara nsan ne nantwi anaa n’afurum mfi n’adididaka ho mma ɔnkɔnom nsu homeda? 16 Na hwɛ, ɔbea yi a ɔyɛ Abraham babea a Satan akyekyere no mfirihyia dunwɔtwe yi, ɛnsɛ sɛ wɔsan no fi ɔhaw yi mu homeda? 17 Na ɔkaa saa no, n’atamfo no nyinaa ani wui, na nkurɔfokuw no nyinaa ani gyei anuonyanne a ɔyɛe no nyinaa nti. Sinapi aba ne mmɔkaw ho bɛ ( Mateo 13.31-33 ; Marko 4.30-32 ) 18 Na ɔkae sɛ: Ade bɛn na Onyankopɔn ahenni sɛ no anaasɛ dɛn ho na mede mɛto? 19 Ɛte sɛ sinapi fua a onipa fa koduaa ne turom; na enyinii, na ɛyɛɛ dua, na wim nnomaa besisii mman so. 20 Na ɔkae bio sɛ: Dɛn ho na mede Nyankopɔn ahenni bɛto? 21 Ɛte sɛ mmɔkaw a ɔbea bi fae kɔfɔtɔw asikresam korokuma abiɛsa mu de kosii sɛ ne nyinaa kawee. Ɔpon teateaa no 22 Na ɔnenam nkurow mu ne nkuraa ase rekyerɛkyerɛ, a na ɔnam so rekɔ Yerusalem. 23 Na obi bisaa no sɛ: Awurade, wɔn a wobegye wɔn yɛ kakraa bi anaa? 24 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mompere nhyɛn ɔpon teateaa no mu! Na mise mo sɛ: Nnipa pii bɛhwehwɛ mu ahyɛn, na wɔrentumi. 25 Efi bere a ofiwura no bɛsɔre ato pon mu no ara na mubefi ase agyina akyiri, na moabɔ ɔpon akyi sɛ: Owura, hiɛ yɛn! Na obebua mo sɛ: Mo de, minnim nea mufi. 26 Ɛnna mubefi ase aka sɛ: Yɛadidi na yɛanom w’anim, na woakyerɛkyerɛ wɔ yɛn mmɔnten so pɛn. 27 Na obese mo sɛ: Mo de, minnim nea mufi. Mumfi me so, mo a moyɛ nea ɛnteɛ nyinaa! ( Mateo 8.11-12 ) 28 Ɛhɔ na mubesu atwɛre mo se sɛ muhu Abraham, Isak ne Yakob ne adiyifo no nyinaa Onyankopɔn ahenni mu, na mo de, wɔapam mo afi mu. 29 Na wobefi apuei ne atɔe, atifi ne anafo aba abɛtena adidii Onyankopɔn ahenni mu. 30 Na hwɛ, akyikafo bi wɔ hɔ a wobedi kan, na adikanfo bi wɔ hɔ a wɔbɛka akyiri. Herode Antipa 31 Ɛdɔn no ara mu na Farisifo bi bae besee no sɛ: Fi ha kɔ! Na Herode pɛ wo akum wo. 32 Na osee wɔn sɛ: Monkɔka nkyerɛ saa sakraman no sɛ: Hwɛ, mitu ahonhommɔne, na mesa yare nnɛ ne ɔkyena, na n'adekyee na mawie. Yesu twa Yerusalem ho adwo ( Mateo 23.37-39 ) 33 Nanso ɛsɛ me sɛ menantew nnɛ ne ɔkyena ne n’adekyee; na enni ho kwan sɛ odiyifo bi bɛtɔ baabi, gye Yerusalem. 34 O! Yerusalem, Yerusalem a wukum adiyifo na wusiw wɔn a wɔsomaa wɔn wo nkyɛn no abo! Mpɛn ahe ni a mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano sɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano wɔ ne ntaban ase, nanso moampɛ. 35 Hwɛ, wobegyaw mo fi afituw ama mo. Na mise mo sɛ: Morenhu me, gye da a ɛbɛba sɛ mobɛka sɛ: Nhyira ne nea ɔnam Awurade din so reba no! |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana