Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Luka 12 - KYERƐW KRONKRON


Nyaatwom ho kɔkɔbɔ
( Mateo 10.26-33 )

1 Bere no mu ara a nkurɔfokuw mpempem aboaboa wɔn ho ano na mpo wotiatia wɔn ho so no, ofii ase ka kyerɛɛ n’asuafo no kan sɛ: Monhwɛ mo ho so yiye Farisifo mmɔkaw a ɛne nyaatwom no ho!

2 Na biribiara nni hɔ a ɛso akata a wɔrenyi so, ana ahintaw a wɔrenhu.

3 Enti biribiara a moaka esum mu no, wɔbɛte no hann mu, na nea moaka no asom wɔ mpia mu no, wɔbɛpae mu aka wɔ adan atifi.


Nnipa suro ho kɔkɔbɔ

4 Na me nnamfonom, mise mo sɛ: Munnsuro wɔn a wokum ɔhonam, na eyi akyi no, wonni biribi a wobetumi ayɛ bio.

5 Na mɛkyerɛ mo nea munsuro no: Munsuro nea okum wie a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔde bɛkɔ akɔto amanehunu kurom; yiw, mise mo sɛ: Oyi na munsuro no!

6 Ɛnyɛ nkasanoma anum na wɔtɔn wɔn gye mpɛsɛwa abien? Nso Onyankopɔn anim de, ani mpa wɔn mu biako so.

7 Na mo ti nwi mpo wɔakan ne nyinaa. Enti munnsuro, mosen nkasanoma bebree.


Ɛnsɛ sɛ wɔpa Kristo

8 Nso mise mo sɛ: Obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, Onipa Ba no nso bɛbɔ ne din Onyankopɔn abɔfo anim.

9 Na nea ɔbɛpa me nnipa anim no, wɔbɛpa no Onyankopɔn abɔfo anim.


Honhom Kronkron ne n’akwankyerɛ

10 Na obiara a ɔbɛka asɛm bi atia Onipa Ba no, wɔde bekyɛ no; na nea ɔbɛka abususɛm atia Honhom Kronkron no, wɔremfa nkyɛ no.

11 Na sɛ wɔde mo kɔ hyia adan mu ne mpanyimfo ne atumfo anim a, munnnwinnwen nea mode beyi mo ho ano anaasɛ nea mobɛka ho,

12 efisɛ dɔn no ara mu na Honhom Kronkron bɛkyerɛ mo nea ɛsɛ sɛ moka.


Yesu mpɛ sɛ oyi ntɛn

13 Na onipa bi a ofi nkurɔfokuw no mu see no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, kasa kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ awunnyade.

14 Na obisaa no sɛ: Onipa, hena na ɔde me sii mo so sennifo anaa ɔdekyɛfo?

15 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ na monhwɛ mo ho yiye pɛpɛe ho! Na ɛnyɛ onipa ade a wanya na aboro so no mu na ne nkwa wɔ.


Adifudepɛ

16 Na obuu wɔn bɛ sɛ: Onipa bi a ɔyɛ ɔdefo asase sow aba pii.

17 Na osusuw ne tirim sɛ: Menyɛ dɛn? Efisɛ minni nea mede me nnɔbae mesie.

18 Na ose: Nea mɛyɛ ni, meburuw m’asan, na masi akɛse; na ɛhɔ na mede me nnɔbae nyinaa ne me nneɛma mesie,

19 na maka makyerɛ me kra sɛ: Ɔkra, wowɔ nneɛma pa pii a wɔde asie ama mfirihyia pii. Home, didi, nom, na wo bo ntɔ wo yam!

20 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkwasea, anadwo yi wobegye wo kra afi wo nsam; na nneɛma a woasiesie no bɛyɛ hena dea?

21 Saa ara na nea ɔhyehyɛ ademude ma ne ho na ɔnyɛ ɔdefo Onyankopɔn fam no te.


Osuro ne akyinnyegye
( Mateo 6.25-33 )

22 Na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Eyi nti mise mo sɛ: Munnnwinnwen mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaa mo nipadua ho sɛ dɛn na mubefura.

23 Ɔkra sen aduan, na nipadua sen ntama.

24 Monhwɛ nkwaakwaadabi sɛ wongu na wontwa, na wonni adekoradan anaa ɔsan; nanso Onyankopɔn yɛn wɔn. Ɔsen bɛn na monsen nnomaa?

25 Na mo mu hena na obetumi adwennwen de basafa biako ato ne tenten so?

26 Na sɛ muntumi nyɛ ade ketewa a ɛte sɛɛ po a, adɛn na mudwinnwen nea aka ho?

27 Monhwɛ sukooko sɛnea enyin, ɛnyɛ adwuma, nso ɛnto asaawa; nanso mise mo sɛ, Solomon anuonyam nyinaa mu po n'ahosiesie anto eyinom mu biako.

28 Na sɛ Onyankopɔn ma wuram ahaban a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu fononoo mu no ntama saa a, mpɛn ahe na ɔremma mo, mo a mo gyidi sua?

29 Na mo de, monnhwehwɛ nea mubedi anaasɛ nea mobɛnom, na mommma mo ani nnyɛ mo totɔtotɔ!

30 Na eyinom nyinaa akyi na wiase amanaman di; na mo Agya nim sɛ nneɛma yi hia mo.

31 Na mmom monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni kan, na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.


Ɔsoro ahonyade
( Mateo 6.20-21 )

32 Kuw ketewa, munnsuro! Efisɛ ɛyɛ mo Agya no fɛ sɛ ɔde ahenni no bɛma mo.

33 Montɔn nea mowɔ mfa nyɛ adɔe, monyɛ sika nkotoku a ɛrenyɛ dedaw mfa, ɛne agyapade a ɛrensa da ɔsoro, nea owifo mma ho, na nwewee nsɛe no.

34 Na nea mo agyapade wɔ no, ɛhɔ na mo koma nso wɔ.


Mo wura sanba nti, monwɛn!
( Mateo 24.42-51 )

35 Mommɔ abɔso, na momma mo akanea nnɛw;

36 na monyɛ sɛ nnipa a wɔretwɛn da ko a wɔn wura befi ayeforo ase aba, na sɛ ɔba na ɔbɛbom a, wɔahiɛ no ntɛmntɛm.

37 Nhyira ne nkoa no a owura no ba a, ɔbɛto wɔn sɛ wɔrewɛn. Nokware mise mo sɛ, ɔbɛbɔ n'abɔso, na wama wɔatena adidii, na waba abɛsom wɔn.

38 Na sɛ ɔba ɔdasu a ɛto so abien anaa abiɛsa mu na ɔbɛto wɔn saa a, nhyira ne wɔn!

39 Na munhu eyi sɛ, sɛ ofiwura nim dɔn ko a owifo bɛba a, anka wamma wɔammetu ne dan ase anhyɛn mu.

40 Enti mo nso, munsiesie mo ho nsie, efisɛ dɔn a munsusuw mu na Onipa Ba no bɛba.

41 Na Petro see no sɛ: Awurade, yɛn nko na wubu yɛn bɛ yi anaasɛ wubu kyerɛ wɔn nyinaa nso?

42 Na Awurade se: Hena ne ofiepanyin nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no bedi ne fifo so sɛ ɔmma wɔn wɔn aduan a ɛyɛ wɔn de bere a ɛsɛ mu?

43 Nhyira ne akoa no a ne wura ba a, obehu no sɛ ɔreyɛ saa.

44 Nokware mise mo sɛ, ɔbɛma wadi nea ɔwɔ nyinaa so.

45 Na sɛ akoa no se ne komam sɛ: Me wura akyɛ ne ba, na ofi ase boro asomfo ne mmaawa no, na odidi na ɔnom bow a,

46 akoa no wura bɛba da a ɔnhwɛ no kwan ne dɔn a onnim mu, na wabetwa ne mu abien, na wama ɔno ne akyinnyegyefo anya asotwe koro.

47 Na akoa no a onim nea ne wura pɛ na wansiesie ne ho na wanyɛ sɛnea ɔpɛ no, wɔbɛhwe no mmaa pii.

48 Na nea onnim na ɔyɛ ahwede no, wɔbɛhwe no kakraa bi. Na obiara a wɔama no pii no, ne nkyɛn na wɔbɛhwehwɛ pii; na nea wɔde pii ahyɛ ne nsa no, ɔno na wobebisa no nea ɛboro so.


Akodi ho nkɔmhyɛ

49 Mebae sɛ mebɛma ogya asɔ asase so, na sɛ asɔ dedaw a, dɛn na merehwehwɛ sen eyi?

50 Asubɔ bi wɔ hɔ a wɔde bɛbɔ me, na me ho yeraw me kosi sɛ wobewie bɔ!


( Mateo 10.34-36 )

51 Mususuw sɛ mebae sɛ merebɛma asomdwoe asase so? Ɛnte sa, na mmom mpaapaemu.

52 Na efi nnɛ ofi koro mu nnipa baanum bedi mpaapaemu, na baasa ne baanu anya, na baanu ne baasa anya.

53 Wobedi mpaapaemu na agya ne ne ba anya, na ɔba ne agya anya; na ɛna ne ne babea anya, na ɔbabea ne ɛna anya, na ase ne ne sew bea anya, na asew bea ne ase anya.

54 Na osee nkurɔfo akuwakuw no nso sɛ: Sɛ muhu sɛ osu amuna atɔe fam a, ntɛm ara na muse: Osu reba; na ɛba sa.

55 Na muhu sɛ nifa mframa bɔ a, muse: Ahohuru reba; na ɛba mu.

56 Nyaatwomfo! Munim asase ne ɔsoro ani nneɛma asekyerɛ, na adɛn na munhu bere yi nso asekyerɛ?

57 Na adɛn na mo ara nso mummu nea ɛteɛ ho ntɛn?

58 Na sɛ wo ne wo nkurobɔfo rekɔ otumfo anim a, wo ne no wɔ ɔkwan mu no, bɔ mmɔden gye wo ho fi ne nsam, na wantwe wo ankɔhyɛ ɔtemmufo nsa, na ɔtemmufo no amfa wo amma afiasehwɛfo, amma afiasehwɛfo no amfa wo ankɔto afiase.

59 Nokware mise wo sɛ: Woremfi hɔ da, gye sɛ woatua kaprɛ a ɛbɛka akyiri no po ansa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan