Luka 1 - KYERƐW KRONKRONNhyɛnmu 1 Esiane sɛ nnipa pii afa ato wɔn ho so sɛ wɔbɛkyerɛ nsɛm a aba mu wɔ yɛn ntam no nnidiso nnidiso, 2 sɛnea wɔn a wofi mfiase de wɔn aniwa hui na wɔyɛɛ asɛm no ho asomfo no de abrɛ yɛn no enti, 3 Onuonyamfo kɛse Teofilo, ɛyɛɛ me sɛ, eye sɛ me nso, mahwehwɛ ne nyinaa mu pɛpɛɛpɛ fi mfiase no, mekyerɛw no nnidiso nnidiso mebrɛ wo, 4 na woahu sɛ nsɛm a wɔakyerɛkyerɛ wo no yɛ nokware. Yohane Osuboni awofo 5 Yuda hene Herode bere so no, ɔsɔfo bi tenaa ase a wɔfrɛ no Sakaria a ofi Abia asɔfokuw mu, na ne yere yɛ Aaron mmabea no mu bi a wɔfrɛ no Elisabet. 6 Na wɔn baanu nyinaa teɛ Onyankopɔn anim di Awurade ahyɛde ne treneede nyinaa so a ɛho nni asɛm, 7 nanso na wonni ba, efisɛ na Elisabet yɛ obonin, na wɔn baanu nyinaa anyinnyin pa ara. Yohane Osuboni awo ho nkɔmhyɛ 8 Na ɛbae sɛ eduu n’asɔfokuw so na ɔreyɛ n’asɔfodwuma Onyankopɔn anim no, 9 sɛnea asɔfodwuma no te no, eduu no so sɛ ɔkɔ Awurade asɔredan mu kɔhyew ohuam. 10 Na ɔrehyew no, na nnipakuw no nyinaa gyina adiwo rebɔ mpae. 11 Na Awurade bɔfo bi beyii ne ho adi kyerɛɛ no, na obegyinaa ohuam afɔremuka no nifa. 12 Na Sakaria huu no no, ne koma tui, na ehu kaa no. 13 Na ɔbɔfo no see no sɛ: Sakaria, nsuro, na wɔatie wo mpaebɔ, na wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima ama wo, na woato ne din Yohane. 14 Na ɛbɛyɛ wo anigye ne ahosan, na n’awo nti nnipa bebree ani begye. 15 Efisɛ ɔbɛyɛ kɛse Awurade anim, na ɔrennom bobesa anaa nsa biara, na Honhom Kronkron bɛhyɛ no ma afi ne na yam po. 16 Na ɔbɛdan Israel mma mu bebree aba Awurade, wɔn Nyankopɔn, nkyɛn. 17 Na ɔde Elia honhom ne ahoɔden bedi n’anim akɔdan agyanom koma aba wɔn mma so, ne asoɔdenfo akɔ treneefo adwene ho, na wasiesie ɔman a wɔaboaboa wɔn ho no de ama Awurade. 18 Na Sakaria see ɔbɔfo no sɛ: Dɛn na mede mehu eyi? Efisɛ mabɔ akora, na me yere nso abɔ aberewa. 19 Ɛnna ɔbɔfo no bua see no sɛ: Mene Gabriel a migyina Onyankopɔn anim, na wɔasoma me sɛ memmɛkasa menkyerɛ wo, na menka wo nsɛm pa yi. 20 Na hwɛ, wobɛtɔ mum, na worentumi nkasa de bɛkɔ akosi da a eyinom bɛba mu, efisɛ woannye me nsɛm a ɛbɛba mu ne bere mu no anni. 21 Na nkurɔfo no retwɛn Sakaria; na ɛyɛɛ wɔn nwonwa sɛ wakyɛ asɔredan mu hɔ saa. 22 Na ofii adi no, wantumi ankasa ankyerɛ wɔn; na wohui sɛ wanya anisoadehu bi asɔredan mu hɔ; na ɔno de, ɔde ne nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnne, na wantumi ankasa. 23 Na ɛbae sɛ ne som nna wiee du no, ofii hɔ kɔɔ ne fi. 24 Na nna yi akyi no, ne yere Elisabet nyinsɛnee na ɔde ne ho siei asram anum kae sɛ: 25 Sɛnea Awurade ayɛ me, nna a wabɛhwɛ me sɛ obeyi m’ahohora afi nnipa mu no, ni. Yesu awo ho nkɔmhyɛ 26 Na ɔsram a ɛto so asia no mu no, Onyankopɔn somaa ɔbɔfo Gabriel kɔɔ Galilea kurow bi a wɔfrɛ no Nasaret mu, 27 kɔɔ ababaa bi a wɔde no ama ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosef a ofi Dawid abusua mu aware nkyɛn; na ababaa no din de Maria. 28 Na ɔbɔfo no baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Ei, ma w’ani nnye, wo a wɔadom wo! Awurade ka wo ho. 29 Na ne koma tui n’asɛm no ho, na ɔdwenee ho sɛ: Nkyia bɛn ni? 30 Na ɔbɔfo no see no sɛ: Nsuro, Maria, na woanya Onyankopɔn hɔ adom. 31 Na hwɛ, wubenyinsɛn, na woawo ɔbabarima, na woato ne din Yesu. 32 Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔafrɛ no nea Ɔwɔ Sorosoro no Ba; na Awurade Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no. 33 Na obedi Yakob fi so hene daapem, na n’ahenni no to rentwa da. 34 Na Maria see ɔbɔfo no sɛ: Eyi bɛyɛ dɛn na aba, efisɛ minnim ɔbarima biara? 35 Na ɔbɔfo no bua see no sɛ: Honhom Kronkron no bɛba wo so, na Nea Ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwo no, wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn ba. 36 Na hwɛ, wo busuani Elisabet nso anyinsɛn ɔbabarima ne mmerewabere mu; na nea wɔfrɛ no obonin no, eyi ne ne sram a ɛto so asia; 37 efisɛ Onyankopɔn fam de, biribiara nni hɔ a ɛrentumi nyɛ hɔ. 38 Ɛnna Maria se: Hwɛ, Awurade afenaa ne me; ɛnyɛ mma me sɛnea w’asɛm se. Na ɔbɔfo no gyaw no hɔ kɔe. Maria ne Elisabet 39 Na nna no mu ara, Maria de ahoɔhare sɔre kɔɔ mmepɔw so Yuda kurow no mu, 40 na ɔkɔɔ Sakaria fi kokyiaa Elisabet. 41 Na ɛbae sɛ Elisabet tee Maria nkyia no, akokoaa no huruwii ne yam; na Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma, 42 na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Wɔahyira wo mmea mu, na wɔahyira wo yam ade! 43 Na eyi fi he sɛ m’Awurade ne na reba me nkyɛn yi? 44 Na hwɛ, wo nkyia twaa m’asom ara pɛ, akokoaa no de ahosan huruwii me yam. 45 Na nhyira ne nea wagye adi, efisɛ nsɛm a Awurade ama wɔabɛka akyerɛ no no bɛba mu. Ayeyi dwom 46 Na Maria kae sɛ: Me kra, kamfo Awurade, 47 na m’agyenkwa Onyankopɔn ho na me honhom ho asan no; 48 efisɛ wahwɛ n’afenaa ohia asetena. Na hwɛ, efi nnɛ awo ntoatoaso nyinaa bɛfrɛ me nhyira; 49 efisɛ Otumfo no ayɛ ade kɛse ama me; na ne din ne kronkron, 50 na ne mmɔborohunu wɔ wɔn a wosuro no so, awo ntoatoaso a edidi so nyinaa mu. 51 Ɔde ne basa ayɛ ahoɔdenne; wapansam wɔn a wɔyɛ ahantan wɔn koma nsusuwii mu. 52 Watu atumfo afi wɔn nhengua so, na wapagyaw ahiafo 53 Ɔde nnepa ahyɛ wɔn a ɔkɔm de wɔn ma, na wagya ahonyafo kwan yafumpan. 54 Waso n’akoa Israel mu, sɛ ɔde bɛkae ne mmɔborohunu, 55 sɛnea ɔka kyerɛɛ yɛn agyanom no, ama Abraham ne n’asefo daa. 56 Na Maria tenaa Elisabet nkyɛn bɛyɛ asram abiɛsa; na ɔsan kɔɔ ne fi. Osuboni Yohane awo 57 Elisabet awo duu so, na ɔwoo ɔbabarima. 58 Na n’afipamfo ne n’abusuafo tee sɛnea Awurade ayɛ no adɔe kɛse no, wɔne no ani gyei. 59 Na ɛbae sɛ ne nnawɔtwe so no, wɔbae sɛ wɔrebetwa abofra no twetia. Na anka wɔde no reto n’agya Sakaria, 60 nanso ne na kae sɛ: Daabi, wɔmfrɛ no Yohane. 61 Na wosee no sɛ: Obiara nni w’abusua mu a wɔfrɛ no saa. 62 Na wɔde nsɛnkyerɛnne bisaa n’agya edin a ɔpɛ sɛ wɔde to no. 63 Na ogyee kyerɛwpon ketewa bi kyerɛw so sɛ: Ne din ne Yohane. Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwonwa. 64 Na n’ano buei na ne tɛkrɛma hama sanee amonom hɔ ara, na ɔkasa yii Nyankopɔn ayɛ. 65 Na ehu kaa wɔn a atwa wɔn ho ahyia nyinaa, na wɔkekaa nsɛm yi nyinaa Yudea mmepɔw so nkurow nyinaa mu. 66 Na wɔn a wɔtee nyinaa de siee wɔn komam kae sɛ: Ɛdɛn ara na abofra yi rebɛyɛ? Hwɛ, Awurade nsa wɔ no so. Nhyira dwom 67 Na n’agya Sakaria de, Honhom Kronkron ahyɛ no ma, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: 68 Nhyira ne Awurade, Israel Nyankopɔn, efisɛ wabɛhwɛ na wagye ne man; 69 na wama nkwagye abɛn so ama yɛn, n’akoa Dawid fi, 70 sɛnea ɔde n’adiyifo kronkron a wɔwɔ hɔ fi teteete no ano kae no, 71 sɛ wonnye yɛn mfi yɛn atamfo ne wɔn a wokyi yɛn nyinaa nsam; 72 sɛ obehu yɛn agyanom mmɔbɔ, na wakae n’apam kronkron no: 73 Ntam a ɔka kyerɛɛ yɛn agya Abraham sɛ 74 ɔbɛma wɔayi yɛn afi yɛn atamfo nsam, na yɛasom no a ehu nni mu, 75 ahotew ne trenee mu wɔ n’anim, yɛn nna nyinaa. 76 Na wo, abofra yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no diyifo; efisɛ wubedi Awurade anim akosiesie n’akwan, 77 na wode nkwagye ho nimdeɛ ama ne man, wɔ wɔn bɔnefakyɛ a 78 efi yɛn Nyankopɔn mmɔborohunu a ɛmaa ne yam hyehyee no no mu. Ɛno nti na adekyee a efi soro abepue yɛn so, 79 sɛ ɛbɛhyerɛn ama wɔn a wɔtete sum mu ne owu sunsuma ase, na wagye yɛn taataa akɔ asomdwoe kwan so. 80 Na abofra no nyinii, na onyaa honhom mu ahoɔden; na ɔtenaa sare so de koduu da a ɔde ne ho kɔkyerɛɛ Israel. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana