Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hosea 8 - KYERƐW KRONKRON


Israel nnebɔne kɛse

1 Fa torobɛnto tua w’ano. Ɛbɛba AWURADE fi so sɛ ɔkɔre, efisɛ wɔafomfom m’apam na wɔato me mmara.

2 Me na wobesu afrɛ me sɛ: Me Nyankopɔn, yenim wo, yɛn a yɛyɛ Israel.

3 Papa ayɛ Israel nwini; ma ɔtamfo ntiw wɔn ɛ!

4 Wɔn de, wɔasisi ahemfo, na emfi me, wɔasisi mmapɔmma nso, na minnim; wɔn dwetɛ ne wɔn sika, wɔde ayeyɛ ahoni a ɛbɛsɛe wɔn.

5 O Samaria, wo nantwi ba no ho yɛ nwini, m’abufuw asɔ ahyɛ wɔn, enkosi da bɛn na wɔrentumi ɔbra a ɛho tew bɔ?

6 Na Israel mu na ɛno fi; odwumfo na ɔyɛe, ɛnyɛ onyame ne no, na Samaria nantwi no, wobebubu no pasaa.

7 Na mframa na wogu, na ahum nso na wobetwa; awi a egyina hɔ nni mu; nea efifi no, wɔyam a, wonnya mu siam; sɛ ebi wɔ mu po a, ahɔho na wobedi.

8 Wɔamene Israel, afei wɔte amanaman mu sɛ ade bi a ani bi nsɔ.

9 Na wɔn de, wɔaforo kɔ Asiria; wuram afurum a ne nko atew ne ho; Efraim abobɔ adɔfo paa.

10 Sɛ wɔabobɔ amanaman mu bi paa mpo a, afei mɛboa wɔn ano, na ahemfo mu hene no nhyɛso nti, wɔn so afi ase ahuan.

11 Na Efraim ama afɔremuka adɔɔso de ayɛ bɔne, afɔremuka no adan wɔn bɔneyɛ.

12 Makyerɛw me mmara dodow no mama wɔn, wobuu no sɛ amannɔne ade.

13 M’ayɛyɛde afɔre a wɔbɔ no, nam nko na wokum; AWURADE ani nsɔ; afei ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ na wabɛtwe wɔn bɔne so aso; Misraim na wɔbɛsan akɔ.

14 Na Israel werɛ afi ne yɛfo, na wɔasisi aban afɛfɛ, na Yuda ama nkurow a ɛyɛ den adɔ; nanso mɛto ne kurow mu gya, na ahyew n’aban a ɛkorɔn no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan