Hosea 7 - KYERƐW KRONKRON1 Meresa Israel yare yi, na Efraim amumɔyɛ ne Samaria nnebɔne reda adi; wodi atoro, na owifo bubu ba mu, akwamukafo asafo nso fow mmorɔn so. 2 Na wɔnka wɔn komam sɛ mekaa wɔn bɔneyɛ nyinaa; afei wɔn nsɛnnii atwa wɔn ho ahyia, egu m’anim. 3 Wɔde wɔn bɔneyɛ ma ɔhene ani gye, na wɔde wɔn atosɛm yɛ mmapɔmma saa ara. 4 Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefo, te sɛ ɔfononoo a abodootofo ahyɛ mu gya, na ogyae mu pia fi mmɔre fɔtɔw so kosi ne kaw so. 5 Yɛn hene afahyɛ da no, asabow bɔɔ mmapɔmma yare; ɔne afɛwdifo dii nsawɔso. 6 Na wɔasiesie wɔn koma sɛ ɔfononoo, wɔn atirisopam no mu; wɔn abodootofo da anadwo nyinaa, anɔpa ɛdɛw sɛ ogya framfram. 7 Wɔn nyinaa mu adodɔ sɛ ɔfononoo, na wokum wɔn akannifo; wɔn ahene nyinaa atotɔ; obi nni wɔn mu a ɔfrɛ me. Efraim ne aman ntam asɛm 8 Efraim de ne ho fra aman mu; Efraim yɛ ɔfam a wɔankisa. 9 Ahɔho adi n’ahoɔden, nso onnim; dwen nso ahura ne tirim, nso onnim. 10 Na Israel ahantan di n’anim adanse, na wɔnsan mmaa AWURADE wɔn Nyankopɔn nkyɛn, na wɔnhwehwɛ no eyi nyinaa mu. 11 Na Efraim adan sɛ aborɔnoma ayemfo, onni ti; wɔrepɛ mmoa afi Misraim no na wɔdan Asaria nso. 12 Wɔrekɔ no, mɛtrɛw m’atena mu makata wɔn so; meduru wɔn sɛ wim nnomaa; mɛtwe wɔn aso, na wɔn asafo bɛte nka. 13 Wonnue, efisɛ wɔaguan me; ɔsɛe mmra wɔn so, efisɛ wɔato me mmara; na me de, anka megye wɔn, nanso wodi me ho atoro. 14 Na wonsu mfrɛɛ me wɔn komam, na wɔbobom wɔn nnae so; awi ne nsa nti na wodi nkyereso, wɔtew m’anim atua. 15 Me de, makyerɛkyerɛ, na mahyɛ wɔn basa mu den, nanso pɔw bɔne na wɔbɔ me ho. 16 Wɔsan wɔn akyi, kɔ nea ɛho nni mfaso ho, wɔayɛ sɛ ɔta a agow. Afoa ano na wɔn mmapɔmma bɛtotɔ, keka a wɔn tɛkrɛma yɛ nti; eyi bɛma wɔadi wɔn ho fɛw Misraim asase so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana