Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hosea 6 - KYERƐW KRONKRON


Ahonu ho ɔfrɛ

1 Mommra mma yɛnsan nkɔ AWURADE nkyɛn, na ɔno na watetew yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yare, ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn.

2 Nnanu akyi no, ɔbɛkanyan yɛn, da a ɛto so abiɛsa no, ɔbɛma yɛasɔre na yɛanya n’anim nkwa.

3 Na momma yenhu na yentiw AWURADE nimdeɛ no; wɔasiesie n’adifi sɛ adekyee, na ɔbɛba ama yɛn sɛ obosu, sɛ adonsu a ɛtɔ gu asase so.

4 Dɛn na menyɛ wo, Efraim? Dɛn na menyɛ wo, Yuda? Na mo adɔe te sɛ anɔpa mununkum, na ɛte sɛ obosu a ɛpɛ ntɛm akɔ.

5 Enti menam adiyifo no so mabubu wɔn, na mede m’anom nsɛm makum wɔn, na m’atemmu ayi adi sɛ hann.

6 Na mepɛ adɔeyɛ, na ɛnyɛ afɔrebɔ, ne Onyankopɔn ho nimdeɛ sen ɔhyew afɔre.


Israel asɛe apam

7 Na wɔn de, wɔafom apam so sɛ Adam, ɛhɔ na wɔatwa me nkontompo.

8 Gilead yɛ mmusubɔfo kurow a mogya akeka mu.

9 Na asɔfo asafokuw no te sɛ akwamukafo asafo a wɔtɛw nnipa, wodi awu ɔkwan mu de rekɔ Sekem; yiw, abusude na wɔyɛ.

10 Mahu ahodwiriwde Israel fi, ɛhɔ na Efraim bɔ aguaman, Israel ho agu fi.

11 Yuda nso, wɔahyɛ twabere ama wo, bere a mede me man nnommum mɛsan maba no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan