Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hosea 3 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn boasetɔ

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ bio na kɔdɔ ɔbea guamammɔni a ɔyɛ ɔwaresɛefo, sɛ AWURADE dɔ Israel mma na wɔn de, wɔdan kɔ anyame foforo nkyɛn na wɔdɔ bobe aba tetare no.

2 Na mede nnwetɛbona dunum ne atoko homer biako ne atoko letek biako [a ɛyɛ homer fa] metɔɔ no.

3 Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Tena ha ma me nna pii, mmɔ aguaman na nyɛ ɔbarima bi de, na me nso me ne wo atena sa.

4 Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wonni hene na wonni bapɔmma, na wonni afɔre na wonni ɔbosom dum, na wonni asɔfotade ne abusua ahoni.

5 Akyiri no Israel mma bɛsan abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n'adɔe ho, nna a edi akyiri no mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan