Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hosea 2 - KYERƐW KRONKRON


Wɔsɛe Onyankopɔn apam

1 Monka nkyerɛ mo nuammarimanom sɛ: Ami ase ne sɛ: Me man! Ne mo nuammeanom sɛ: Ruhama ase ne sɛ: Nea wɔahu no mmɔbɔ!

2 Mo ne mo na nham, monham; na ɔno de, ɔnyɛ me yere, na me nso menyɛ ne kunu, na onyi n’aguamammɔ no mfi n’anim ne n’awaresɛe no mfi ne nufu ntam,

3 na mampa ne ho ntama mamma wanna adagyaw, na mamfa no mansi hɔ sɛ da a wɔwoo no, na manyɛ no sɛ sare so, na mamfa no mansi hɔ sɛ asase kesee, na mamfa osukɔm mankum no.

4 Na merenhu ne mma mmɔbɔ, na aguamammɔ mma ne wɔn.

5 Na aguaman na wɔn na bɔe, na nea onyinsɛn wɔn no yɛɛ aniwude; na ɔkae sɛ: Medi m’adɔfo akyi; wɔn na wɔma me m’aduan ne me nsu, me guannwi ne m’asaawa, me ngo ne me nsa.

6 Ne saa nti, hwɛ, mede nsɔe metwa wo kwan so ban, na mato so fasu, na wanhu kwan mu.

7 Na obetiw n’adɔfo, na ne nsa renka wɔn, na ɔbɛhwehwɛ wɔn akyi kwan, na ɔrenhu; na ɔbɛka sɛ: Mɛsan m’akyi makɔ me kan kunu no nkyɛn; na ɛno mu na eye ma me sen nnɛ.

8 Na ɔno de, onnim sɛ me na memaa no awi ne nsa ne ngo, na memaa ne dwetɛ dɔe, ne ne sika a wɔhwere maa Baal no.

9 Ne saa nti mɛsan mabegye m’awi, ne bere mu, ne me nsa, ne bere mu, na mayi me guannwi ne m’asaawa a ɔde kataa n’adagyaw so no.

10 Na afei meyi n’agyimisɛm adi, n’adɔfo anim, na obiara renyi no mfi me nsam.

11 Na mɛma n’ahosɛpɛw nyinaa to atwa, ne nnapɔnna, ne sram foforo ne ne homeda ne n’afahyɛ nyinaa.

12 Na mɛsɛe ne bobe ne ne borɔdɔma a ɔkae sɛ: M’apɛde a m’adɔfo de maa me no ne no; na mɛyɛ no kwae ma wuram mmoadoma adi.

13 Na mɛba mabɛtwe no nna a odi maa Baalim no so aso, sɛ ɔhyew aduhuam maa wɔn, na ɔde ne hwene mu kaa ne ne nnwinne kekaa ne ho, na odii n’adɔfo akyi, na me de, ne werɛ fii me no, AWURADE asɛm ni.


Onyankopɔn nokware

14 Ne saa nti, hwɛ, mɛbɔ no adafa mede no makɔ sare so, na maka no abodwoesɛm

15 na mafi hɔ mama no ne bobe nturo, na Akor bon no, mayɛ no anidaso pon, na obegye so wɔ hɔ ne mmabaabere mu, ne ɛda a ofi Misraim asase so foro bae no.

16 Na ɛda no, AWURADE asɛm ni, wobɛfrɛ me sɛ: Ishi ase ne sɛ: Me kunu! Na woremfrɛ me sɛ: Balim a ase ne sɛ: Me Baal bio.

17 Na meyi Baal ahorow din mafi n’anom, na wɔremfa wɔn din nkae wɔn bio.

18 Na mɛpam apam bi mama wɔn ɛda no, me ne wuram mmoadoma ne wim nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, na mebubu ɔta ne nkrante ne akodi afi asase no so, na mama wɔatena dwoodwoo.

19 Na megye wo aware mafa akosi daa, na megye wo aware mafa trenee ne atemmu ne adɔe ne mmɔborohunu so,

20 na megye wo aware mafa, gyidi so, na woahu AWURADE.

21 Na ɛda no, megye so, AWURADE asɛm ni, megye ɔsoro so, na ɛno nso agye asase so,

22 na asase agye awi ne nsa ne ngo so, na ɛno nso agye Yesreel so.

23 Na medua no mafa, asase so, na mehu nea wonhuu no mmɔbɔ no mmɔbɔ, na mɛka makyerɛ nea ɔnyɛ me man no sɛ: Me man ne wo! Na ɔno nso aka akyerɛ me sɛ: Me Nyankopɔn!

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan