Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hosea 14 - KYERƐW KRONKRON


Israel ahonu ne Onyankopɔn nhyira

1 Israel, san bra AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn; na w’amumɔyɛ nti woahwe ase.

2 Momfa nsɛm nkura nsan mmra AWURADE nkyɛn; monka nkyerɛ no sɛ: Fa amumɔyɛ nyinaa kyɛ, na gye papa, na yɛmfa yɛn ano nyɛ anatwinini mmɛbɔ afɔre.

3 Asiria rennye yɛn, apɔnkɔ so nso yɛrentena, nanso yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma sɛ: Yɛn nyame bio! Efisɛ wo mu na ayisaa nya timmɔbɔ.

4 Mɛsa wɔn nsanakyiri mu yare, meyi me yam madɔ wɔn, na m’abufuw adan afi no so.

5 Mɛdan sɛ obosu mama Israel, ne nhwiren bɛhan sɛ sukooko, na wagye ntini sɛ Lebanon;

6 n’abaa bɛdannan, na n’ahoɔfɛ ayɛ sɛ ngodua, na ayi hua sɛ Lebanon.

7 Wɔn a wɔtete ne nwini ase bɛsan abɛma awi asan anya afiye, na wɔafefɛw sɛ obobe a ne din ahye sɛ Lebanon bobesa.

8 Efraim, asɛm bɛn na me ne ahoni wɔ bio? Me de, megye no so, na m’ani aku ne ho, me a mete sɛ ɔpopaw frɔmfrɔm, me so na wobehu w’aba.

9 Hena ne onyansafo a obehu eyinom mu, nhumufo a obehu ɛno? Na AWURADE akwan yɛ tee, na atreneefo bɛnantew so, na mmaratofo de, wɔbɛhwehwe so ase.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan