Hosea 13 - KYERƐW KRONKRONWɔsɛe Onyankopɔn abufuw mu 1 Efraim rekasa a, ɛyɛ hu; ɔmaa ne ho so Israel mu, ɛnna Baal nti, odii so, na owui. 2 Na afei wɔkɔ so yɛ bɔne, na wɔde wɔn dwetɛ yɛ ogu ahoni ne wɔn nhumu ano adwinhoni; ɛyɛ odwumfo adwuma ara nko. Nnipa a wɔbɔ afɔre kasa kyerɛ wɔn. Wofew anantwi mma ano. 3 Ne saa nti wɔbɛyɛ sɛ anɔpa mununkum ne obosu a etua ahema kɔ, sɛ ntɛtɛwa a ahum hwim fi awiporowbea ne owusiw a etu fa mfɛnsere mu kɔ no. 4 Nso mene AWURADE wo Nyankopɔn de fi Misraim asase so, na wunnim Onyankopɔn bi sɛ me nko, na ogyefo biara nni m’akyi. 5 Me na mihuu wo sare no so, osukɔm asase no so. 6 Bere a wonyaa adidibea pa no, wɔmee, wɔmee nti wɔn koma maa ne ho so, enti wɔn werɛ fii me. 7 Ne saa nti meyɛɛ wɔn sɛ gyata, metɛwee ɔkwan mu sɛ ɔsebɔ; 8 mɛtow mahyɛ wɔn so sɛ osisi a wɔafa ne mma, na matetew wɔn koko a wɔn koma da mu, na mawe wɔn hɔ sɛ gyatabere; wuram mmoa besunsuane wɔn mu. 9 Meyɛ wo boafo de nanso wɔbɛsɛe wo, A! Israel, ne sɛ wo ne me a meyɛ wo boafo no di asi. 10 Ɛhefa na wo hene no wɔ afei, na onnye wo wo nkurow nyinaa mu, ne w’atemmufo a wokae sɛ: Ma me ɔhene ne mmapɔmma no? 11 Memaa wo ɔhene m’abufuw mu, na miyii no hɔ m’anibere mu. 12 Wɔakyekyere Efraim amumɔyɛ, wɔde ne bɔne asie. 13 Ɔwofo awoko bɛka no; ɔno de, ɔyɛ ɔba a onni nyansa, sɛ edu ne bere so a, ommegyina nea mma fa mu sian hɔ. 14 Megye wɔn mafi asaman nsam anaa? Mɛpon wɔn owu mu anaa? Owu, ɛhe na wo nwowɔe wɔ? Asaman, ɛhe na wo sɛe wɔ? Ahonu ahintaw afi m’ani so. 15 Na ɔbɛsow aba ne nuanom mu. Apuei ahum betu, AWURADE mframa fi sare so bɛbɔ, na n’asubura mu ayow, na ne nsuaniwa to atwa; ɔno na ɔbɛfom adekoradan mu mfɛfɛwade nyinaa. 16 Samaria ti ato, sɛ watew ne Nyankopɔn anim atua; afoa ano na wɔbɛtotɔ; wɔbɛtew wɔn nkokoaa abobɔ hɔ, na wɔapaepae wɔn apemfo mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana