Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hosea 12 - KYERƐW KRONKRON


Yakob nhwɛso

1 Efraim hwew mframa, na odi apuei ahum akyi; daa nyinaa ɔma atoro ne ɔsɛe dɔɔso, na ɔne Aseria kɔ apam, na ɔsoa ngo kɔ Misraim.

2 Na AWURADE ne Yuda anya asɛm, na ɔreba abɛtwe Yakob aso sɛ n’akwan te; sɛ ne nsɛnnii te no na obetua no ka.

3 Ɔyafunum na osoo ne nua nantin, na n’ahoɔden mu na ɔne Onyankopɔn koe;

4 ɔne ɔbɔfo no koe, na otumii; osui na ɔpaa no kyɛw; ohuu no Betel, na ɛhɔ na ɔne yɛn kasae.

5 Na AWURADE yɛ asafo Nyankopɔn, AWURADE ne ne din a wɔde kae no.

6 Na wo nso, san kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn; so adɔe ne atemmu mu, na hwɛ wo Nyankopɔn kwan daa yi.

7 Kanaan, nsisi nsenia wɔ ne nsam, ɔpɛ amimdi.

8 Na Efraim se: Manya me ho ara, manya ade pii; me brɛ nyinaa mu annya amumɔyɛde a ɛyɛ bɔne amma me.

9 Nso mene AWURADE wo Nyankopɔn de fi Misraim asase so; mɛma woatena ntamadan mu bio sɛ afahyɛ nna no mu.

10 Na makasa makyerɛ adiyifo no, na mama anisoadehu adɔɔso, na menam adiyifo ano so mabubu mmɛ.

11 So Gilead yɛ abusude anaa? Wɔadan ahuhude ara; Gilgal hɔ na wɔde anantwi bɔ afɔre, wɔn afɔremuka no nso te sɛ afuw mu akofi so abokuw.

12 Na Yakob guan kɔɔ Siria asase so, na Israel somee ɔyere ho, na ɔyere nti ɔhwɛɛ nguan.

13 Na AWURADE nam odiyifo so yii Israel fii Misraim bae, na ɔnam odiyifo so hwɛɛ wɔn

14 Efraim yi abufuw sɛ, enti ɔbɛma mogya a odi ho so no abua n’atifi, na n'ahohora nso, ne wura bɛdan agu no so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan