Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hosea 11 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn mmɔborohunu

1 Israel yɛ aberante no, na medɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me ba fii.

2 Dodow a mefrɛɛ wɔn no, dodow no ara na wofii m’anim kɔe, wɔkɔbɔɔ afɔre maa Baal ahorow na wɔhyew aduhuam maa ahoni.

3 Na me na migyigyee Efraim taataa; mituruu wɔn m’abasa so, na wɔanhu sɛ masa wɔn yare.

4 Nnipa nhama na mede metwee wɔn, ne ɔdɔ ntampehama nso, na meyɛɛ wɔn sɛ nea ɔmoma kɔndua so, wɔn nnyepi so, na meyɛɛ no brɛoo memaa no didii.

5 Wɔbɛsan wɔn akyi akɔ Misraim asase so bio, na Aseria na ɔbɛyɛ wɔn hene, efisɛ wɔampene sɛ wɔsan wɔn akyi.

6 Na wɔn agyinatu horow no nti afoa bekyinkyin ne nkurow mu, na ɛbɛsɛe n’apon akyi adaban awie.

7 Me so atuatew nko na me man de asi wɔn anim, na wɔfrɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ soro a, wɔn mu biara mma ne ho so.

8 Anka meyi wo mama sɛ dɛn, O! Efraim, na magyaa wo mu dɛn ara, A! Israel! Anka meyi wo mama sɛ Adma, na mayɛ wo sɛ Seboim! Me koma adan wɔ me mu, Yiw! Mmɔborohunu agye me yam nyinaa.

9 Merenni m’abufuhyew no so, merensan memmɛsɛe Efraim; na Onyankopɔn ne me, na ɛnyɛ onipa, wo mu kronkronni ne me, na meremma abohuru so.

10 Wobedi AWURADE a ɔbɛbobom sɛ gyata akyi; na Yiw! Ɔbɛbobom, na mma de ahopopo afi po akyi aba.

11 Wɔde ahopere befi Misraim aba sɛ nnomaa, na wɔafi Aseria asase so aba sɛ mmorɔnoma, na mede wɔn madua wɔn afi mu, AWURADE asɛm ni.

12 Efraim de atoro na Israel fi de nsisi atwa me ho asi, nanso Yuda de, ɔbɔ Onyankopɔn kronkronni nokwafo no ho anworaman.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan