Hosea 10 - KYERƐW KRONKRONKan yiyedi ne nnɛ yi sɛe 1 Israel yɛ obobe pa a ɛsow n’aba nso; dodow a n’aba dɔɔso no, dodow no ara na wama afɔremuka nso adɔɔso; n’asase yiye a ɛyɛ nti no, wɔanya ahoni adum asiye nso. 2 Wɔn koma mu apaepae, afei ɛso bebua wɔn. Ɔno na obedwiriw wɔn afɔremuka agu, na wasɛe wɔn ahoni adum no. 3 Na afei wɔbɛka sɛ: Yenni hene; efisɛ yɛansuro AWURADE, na ɔhene nso, dɛn na ɔbɛyɛ ama yɛn? 4 Wɔakeka nsɛm, wɔakeka ntanhunu de apam apam, na atemmu fuw sɛ nkonnyabi, afuw mu akofi so. 5 Bet-awen nantwi mma nti na Samariafo besuro; na ne man di ne ho nkɔmmɔ, na n’asɔfo ho popo n’anuonyam ho, sɛ wɔatu afi wɔn mu kɔ. 6 Ɛno nso wɔbɛfa akɔ Aseria de akɔkyɛ ɔhene Yareb; aniwu bɛka Efraim, na Israel ani awu n’agyinatu ho. 7 Samaria de, wobetwa ne hene akyene, sɛ nsu ani ahuru. 8 Na wɔbɛsɛe Bet-awen sorɔnsorɔmmea a ɛne Israel bɔne no; nsɔe ne nnɛnkyɛnse befifi wɔn afɔremuka so, na wɔbɛka akyerɛ mmepɔw sɛ: Mommɛkata yɛn so! Ne nkoko sɛ: Mommɛhwe yɛn so! 9 Israel, wufi Gibea nna no so ayɛ bɔne; ɛhɔ na wogyinae; Gibea sa a wotui mmabusufo no so no anto wɔn. 10 Ɛbere a mepɛ na mɛtwe wɔn aso, na wɔahyiahyia aman aba wɔn so abetua wɔn wɔn amumɔyɛ mmɔho no so ka. 11 Na Efraim yɛ nantwiforo a wɔakyerɛ no na ɔpɛ awiporow, nanso mede kɔndua mɛto ne kɔn fɛfɛ no so; mɛma Efraim atwe ade, Yuda bɛfɛntɛm, Yakob bɛka asram so. 12 Mungu aba mma trenee mfifi mma mo, muntwa adɔe so ade; monnɔw kwaebirentuw mfa, na adu bere a wɔde hwehwɛ AWURADE akyi kwan, kosi sɛ ɔbɛba abɛtɔ trenee su ama mo. 13 Moafɛntɛm abɔnefosɛm, mmusu na moatwa, moadi atoro aba; na wode wo ho too wo kwan ne, wo nnɔmmarima dodow no so. 14 Enti hooyɛ bɛsɔre w’aman no mu, na wɔabɛsɛe w’abandennen nyinaa, sɛnea Salman sɛee Bet-arbel, ɔko da no, wɔbɛtetew ɛna mu asinasin agu mma so. 15 Ne saa na ayɛ mo Betel, mo bɔne mu bɔne no nti; ade bɛkye no na wɔayi Israel hene no hɔ kora. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana