Hosea 1 - KYERƐW KRONKRONHosea yere ne ne mma 1 AWURADE asɛm a ɛbaa Beeri ba Hosea nkyɛn Yuda ahene Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia bere so ne Israel hene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba bere so ni. 2 Mfiase a AWURADE ne Hosea kasae no, AWURADE ka kyerɛɛ Hosea sɛ: Kɔ na kɔfa ɔbaa aguaman ne aguamammɔ mma, na aguaman na asase no afi AWURADE akyi rebɔ. 3 Na ɔkɔe kɔfaa Diblaim babea Gomer, na onyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin maa no. 4 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Yesreel, na aka kakraa na mabɛtɔ Yesreel mogya so were Yehu fi, na mama Israel fi ahenni no to atwa. 5 Na ɛda no, mebubu Israel ta, Yesreel bon no mu. 6 Na onyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabea; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Lo-ruhama ase ne: Nea wɔanhu no mmɔbɔ, na merenna so minhu Israel fi mmɔbɔ, na meremfa menkyɛ wɔn bio. 7 Na Yuda fi na mehu wɔn mmɔbɔ, na magye wɔn nkwa, AWURADE wɔn Nyankopɔn mu, nanso meremfa ɔta ne nkrante ne akodi ne apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefo so minnye wɔn. 8 Na otwaa Lo-ruhama nufu, na onyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin. 9 Na ose: To no din sɛ Lo-ami ase ne: Ɛnyɛ me man, na monyɛ me man, na me nso merenyɛ mo Nyankopɔn. Israel foforoyɛ 10 Nanso Israel mma dodow bɛyɛ sɛ mpoano nwea a wonsusuw na wɔnkan no; na faako a wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ me man ne mo no, wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Onyankopɔn teasefo mma. 11 Na Yuda mma ne Israel mma bɛbom ahyia, na wɔasi ti biako afa, na wɔaforo afi asase no so aba; na Yesreel da no bɛyɛ da kɛse. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana