Hiob 8 - KYERƐW KRONKRONAhonu de ahotɔ ba Bildad asɛnka a edi kan. 1 Ɛnna Suhini Bildad gyee so sɛ: 2 Enkosi bere bɛn na wobɛka eyinom, na w’anom nsɛm bɛyɛ sɛ mframa dennen? 3 So Onyankopɔn bɛkyea atemmu, anaasɛ Otumfo bɛkyea trenee? 4 Sɛ wo mma ayɛ no bɔne a, wagyaa wɔn de wɔn ahyɛ wɔn mmarato nsam. 5 Sɛ wo ara wohwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan, na wokotɔ srɛ Otumfo no, 6 sɛ wo ho tew na woteɛ a, ampa ara, ɔbɛkanyan ne ho ama wo, na wama wo trenee tenabea adi yiye. 7 Na sɛ mpo wo mfiase ade yɛ ketewa a, w’awiei bɛso kokuroo. 8 Na bisa awo ntoatoaso ɛ, na ma wo koma mmra nea wɔn agyanom abɔre ahu no so. 9 Na yɛn de, nnɛra nko na yefi hɔnom, na yennim hwee, efisɛ yɛn nna yɛ sunsuma, asase so. 10 So ɛnyɛ wɔn na wɔbɛkyerɛ wo na wɔaka akyerɛ wo, na wɔayiyi nsɛm afi wɔn komam? 11 So nkyɛkyerɛ fifi nea ɔwora nni, na mmɛw ama ne ho so nea nsu nni anaa? 12 Ɛda so wɔ ne frɔmfrɔmyɛ mu a wontwae no, edi wura nyinaa kan kisa. 13 Saa ara na wɔn a wɔn werɛ fi Nyankopɔn nyinaa akwan te, na ɔbɔnefo anidaso bɛyera, 14 efisɛ wotwa n’ahotoso, na n’anidaso yɛ ananse ntontan. 15 Otweri ne dan, nso ɛrennyina, okura mu, nso ɛrentena hɔ. 16 Ɔyɛ frɔmfrɔm owia ano, na n’abaa yiyi kata ne turo so, 17 ne ntini mantammantam abokuw ho, ɔhyɛn abo ntam. 18 Sɛ wɔsɛe no fi ne tenabea ɛpa no ka sɛ: Minhuu wo da. 19 Hwɛ, sɛ ne kwan ho ahosɛpɛw te ne no, na mfutuma no mu na afoforo fifi. 20 Hwɛ, Onyankopɔn mpo nea odi mu, na abɔnefo nso, onso wɔn nsa. 21 Ɔde ɔserew bɛhyɛ w’anom ma, na wama ahurusi nne afa w’anofafa mu. 22 W’atamfo befura aniwu, na abɔnefo ntamadan rennyina hɔ bio. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana