Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 7 - KYERƐW KRONKRON


Nkwa afono Hiob

1 So ɛnyɛ akodi na ɛwɔ hɔ ma ɔdasani asase so na ne nna te sɛ ɔpaani nna?

2 Sɛ akoa pere onwini ho, ne sɛ ɔpaani hwɛ n’apaade kwan no,

3 saa ara na wɔama madi asram hunu, na wɔabu ɔhaw anadwo ama me.

4 Sɛ mekɔda a, meka sɛ: Da bɛn na mɛsɔre na anadwo atwam akɔ? Nna mu aperepere fono me kosi ahemadakye.

5 Me honam fura mmoawa ne dɔte abon, me were ayɛ twaa, na ɛrefi nsu.

6 Me nna yɛ hare sen ɔnwemfo akurokurowa, na ɛrehi, na anidaso bi nni hɔ.

7 Kae sɛ me nkwa yɛ mframa, m’aniwa rensan nhu papa.

8 Nea ohu me aniwa renhu me bio, w’ani tua me, nso na minni hɔ.

9 Sɛnea omununkum sa na ɛkɔ no, saa ara na nea osian kɔ asaman no remforo mma bio.

10 Ɔrensan mma ne fi bio, na ne tenabea renhu no bio.

11 Enti me nso meremmua m’ano, mɛkasa me honhom ahohia mu, mesi apini m’awerɛhow mu.

12 So meyɛ ɛpo anaa asu mu bɔpɔn, na ɛma wode awɛmfo sisi me ho?

13 Sɛ mise: Me mpa bɛkyekye me werɛ, na me dabere bedwudwo m’apinisi no a,

14 ɛnne wode adaeso hyɛ me yaw, na anisoadehu mu na woma mebɔ piriw.

15 Na ɛma me kra paw menewamsiw ne owu sen me nnompe yi.

16 Afono me, merentena ase daa. Gyaa me, na me nna yɛ huruhuro.

17 Ɔdesani ne hena a wubu no ɔkɛse, na wudwen ne ho?

18 Na wohwɛ no daa anɔpa, na wotaa sɔ no hwɛ ara?

19 Worenyi w’ani mfi me so de rekosi da bɛn? Wonto me kwan na memmene me ntasu po?

20 Mayɛ bɔne a, dɛn na mayɛ wo, nnipa hwɛfo, ɛdɛn na wode me ayɛ w’ade a wo ne no anya na madan adesoa ama me ho?

21 Na adɛn na womfa me mmarato nkyɛ, na womma me mfomso nsen nkɔ? Na afei mɛda mfutuma mu, na wobɛhwehwɛ me.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan