Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 6 - KYERƐW KRONKRON


Hiob su n’awerɛhow, na ɔkasa tia ne nnamfo no denyɛ

1 Na Hiob gyee so sɛ:

2 Sɛ anka wɔkari m’awerɛhow, na wɔde me yaw nso gu nsenia mu ma so ɛ!

3 Ɛno de anka ɛbɛsen mpoano nwea mu duru, enti na me nsɛm ayɛ hyerebahyereba yi,

4 na Otumfo agyan tuatua me mu, me honhom renom emu bɔre, Onyankopɔn ahiiyide atwa me so mpasua.

5 So torɔm nya sare momono a, ɔteɛteɛm? Anaa nantwi su n’afrafraduan so?

6 So wodi aduan hunu a nkyene nni mu? So dɛ bi wɔ nkosua ho fufu mu?

7 Ade a me kra ampɛ sɛ ɛbɛka me no, ɛno ara na ayɛ me aduan a ɛyɛ me nwini.

8 Oo, sɛ anka menya nea mibisa, na Onyankopɔn bɛma me nea m’ani gyina no ɛ!

9 Sɛ anka Onyankopɔn pene na ɔpɛtɛw me, na ɔto ne nsa ɔkwan na etwa me ɛ!

10 Anka ɛbɛyɛ me awerɛkyekye ara na madi ahurusi, ɛyaw a ɛnkyɛe me so no mu, efisɛ mensan ɔkronkronni no nsɛm no ɛ!

11 M’ahoɔden ne dɛn, sɛ mede mɛtɔ me bo ase, na m’awiei ne dɛn, sɛ me kra bɛkyɛ ho?

12 So m’ahoɔden yɛ abo ahoɔden, so me honam yɛ kɔbere?

13 So ɛnyɛ ɔboa bi na enni me mu, na wɔatu ahoɔden afi me ho?

14 Nea n’ahome tew no no, ɛsɛ no ne yɔnko nsam adɔe; anyɛ saa a, ogyaa Otumfo no suro.

15 Me nuanom twa nkontompo sɛ asusosuwa, sɛ asubon a emu nsuwansuwa resen kɔ.

16 Nsukyenee nti ani fono, sukyerɛma hyɛn mu hintaw.

17 Sɛ ɔhyew ka no a, ɛyera, ahohuru mu ɛyera fi n’afa,

18 n’akwantemfo no akwan kɔntɔnkɔntɔn, ɛdan huruhuro kɔ soro na ɛyera.

19 Tema akwantemfo asafo no hwɛe, Seba anantefo ani daa so,

20 wɔn ani wui sɛ wɔde wɔn ani too so, wokoduu ho, na wɔn anim guu ase.

21 Na afei saa ara mote, moahu m’awerɛhow yi, nso moannya tema biara amma me.

22 So maka sɛ mommrɛ me biribi, na me nti momfa mo ade bi nkyɛ,

23 na munyi me ɔhohiafo nsam, na munnye me mfi nhyɛsofo nsam anaa?

24 Monkyerɛkyerɛ me, na mɛyɛ komm, na nea mafom so no, momma minhu.

25 Monhwɛ sɛnea asɛntrenee yɛ den fa! Na mo ntɛnyi yi de, animka bɛn na ɛwom?

26 So nsɛm ho animka na mudwen? Ɔwerɛhowni nsɛm te sɛ mframa.

27 Ayisaa so mpo morebɔ ntonto, na mo yɔnko ti nso moredi ano.

28 Na afei mompɛ ani pa nhwɛ me, na merenni atoro mo anim ha.

29 Mompɛ mu bio ɛ, na mummmu ntɛnkyew; na monsan mpɛ mu, na m’asɛm wom ara.

30 So nea ɛnteɛ bi wɔ me tɛkrɛma so, anaasɛ me dodom nhu abusude?

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan