Hiob 41 - KYERƐW KRONKRON1 So wubetumi atwe dɛnkyɛmmirampɔn darewa ano, na wode hama akyere ne tɛkrɛma anaa? 2 So wode kaa bɛhyɛ ne hwenem, na wode akɔtɔkoro ahwirew n’afono mu? 3 So ɔbɛkotɔ asrɛ wo pii, anaa ɔbɛyɛ n’ano brɛbrɛ akyerɛ wo? 4 So ɔne wo bɛpam apam, sɛ fa no yɛ akoa daa? 5 So wo ne no begoru sɛ anomaa, na woasa no ahama ama wo mmabaa anaa? 6 So apofofo asafo besi no koso, na wɔakyɛ no mu aguadifo mu? 7 So wode mpeaw bɛhyɛ ne were mu ma, na wode mpataa mpɛmɛ awowɔ ne tirim? 8 Wode fa wo nsa ka no, hwɛ ɛ, na nea wobehu, worenyɛ no saa bio! 9 Hwɛ, onipa anidaso yɛ ohunu, so ɛnyɛ ne hwɛ po na ɛma obi hwe ase? 10 Obi rensi ne bo sɛ ɔbɛhwanyan no, na hena ne nea obetumi agyina n’anim? 11 Hena na wadi kan ama me biribi na menhyɛ no ananmu? Nea ɛwɔ ɔsoro nyinaa ase, me na ɛwɔ me. 12 Merennyae ne honam ade, ne ne mmaninyɛ ne n’aboaban fɛ a ɛyɛ no ho asɛnka. 13 Hena na obeyi ne ho abon? Ne se kyerɛpɛn abien no, hena na ɔbɛkɔ anim? 14 N’anim apon nso, hena na obehiɛ? Ne se ho yɛ hu. 15 N’akyɛm akyerɛpɛn yɛ fɛ, wɔatotom sɛ ade a wɔasɔ ano. 16 Ɛpempem so pɛpɛɛpɛ, a mframa nnya mu kwan; 17 ɛfomfam wɔn ho, edi nsusom na emu nni atewye. 18 Ne nwansi ma hann hyerɛn, na n’aniwa te sɛ adekyee anisuatɛtɛw. 19 Agyatɛn fi n’anom, ogya nturuturuwii fifi mu. 20 Owusiw fi ne hwene mu tokuru mu, sɛ ɔsɛn a emu rehuru ne nkyɛkyerɛ a ɛrehyew mu. 21 N’ahome sɔ nsramma, na ogyaframa fi n’anom. 22 Ne kɔn mu na ahoɔden wɔ, na akomatu saw wɔ n’anim. 23 Ne honam a ɛsensɛn hɔ fomfam ho pintinn, wogui wɔ ne ho, na entwiw. 24 Ne koma yɛ den sɛ ɔbo, ɛyɛ den sɛ owiyammo. 25 Sɛ ɔma ne ho so a, atumfo ho popo, na ehu ma wɔn ani so yɛ wɔn krakra. 26 Wɔde nkrante ka no a, ɛnka, peaw ne pɛmɛ a wɔtow ne dade akode po; 27 obu dade sɛ ntɛtɛwa, ne kɔbere sɛ duwui; 28 bɛmma nka no ngu, ataabo mu abo yɛ no sɛ nkyɛnkyɛma; 29 obu aporibaa sɛ nkyɛnkyɛma, na ɔserew peaw a wɔtow huuyɛ. 30 N’ase yɛ abon hwetahweta, obua atɛkyɛ so sɛ porow ade. 31 Ɔma ebun mu huru sɛ ɔsɛn mu, ɔyɛ po sɛ srade. 32 Ɔma ɔkwan hyerɛn di n’akyi, ma wobu ebun a ehuru no sɛ dwen. 33 Ne sɛso nni asase so; wɔyɛɛ no sɛ onsuro hwee; 34 ɔhwɛ ade a ɛkorɔn nyinaa; ɔne ahokyerɛ mma nyinaa hene. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana