Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 4 - KYERƐW KRONKRON


Elifas asɛnka a edi kan: So Onyankopɔn twe nea odi bem aso

1 Ɛnna Temanni Elifas bua kae sɛ:

2 Sɛ obi ka asɛm yi ho bi kyerɛ wo a, ɛbɛyɛ wo ahometew anaa? Nanso etwa sɛ mekasa ara?

3 Hwɛ, wo na woateɛteɛ nnipa bebree so, na nsa a agow no, woahyɛ no den;

4 wo nsɛm ama nea ɔrebɛhwe ase agyina, na nankoroma a agurow no, woahyɛ no den.

5 Na afei ɛtoo wo yi, woagyigya, ɛkaa wo yi, woayɛ basaa.

6 So ɛnyɛ wo nyamesuro ne nea wode wo ho to so, na w’akwan a ɛteɛ ne w’anidaso?

7 Kae ɛ, hena na ɔnyɛɛ bɔne bi na wɔasɛe no, anaa ɛhe na wɔapopa atreneefo pɛn?

8 Manya no nhui sɛ wɔn a wɔfɛntɛm amumɔyɛ na wogu mmusu no, ɛno ara na wotwa.

9 Onyankopɔn home sɛe wɔn, na wɔhyew, n’abufuw mframa ano.

10 Sɛnea Gyata mmobɔm ne ɔsebɔ nne gyae, na gyataforo sebɔmmɔfo tutu no, saa ara

11 na gyataforo nnya hanam nti owu, na gyatabere mma bɔ pete.

12 Na me de, asɛm bi wiawiaa ne ho baa me nkyɛn, na m’aso tee ɛho asutu bi.

13 Ɔdadwen a efi anadwo adehu mu mu, bere a nnahɔɔ atɔ nnipa so no,

14 ehu ne ahopopo kaa me, na ɛmaa me nnompe nyinaa wosowee.

15 Na honhom bi twaam faa m’ani so, me ho nwi nyinaa sɔre gyinagyinae,

16 egyinae, nanso manhu ne su, suban bi gyinagyina m’ani so, metee nne bɔkɔɔ bi sɛ:

17 So ɔdesani teɛ sen Onyankopɔn, anaa onipa ho tew sen ne yɛfo?

18 Hwɛ, ne nkoa po, ɔmfa ne ho nto wɔn so, na n’abɔfo no, obu wɔn sɛ wɔtɔ mu;

19 na menne wɔn a wɔte dɔte adan mu, na wɔn nnyinaso wɔ mfutuma mu, na wofurofurow wɔn sɛ abubummabaa.

20 Efi anɔpa kosi anwummere na wɔaposaw wɔn; wɔyera korakora a obi nnwen ho.

21 Sɛ wɔtetew wɔn ho ntamadan hama a, so ɛnyɛ owu na wowu a wɔanhu nyansa bi?

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan