Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 3 - KYERƐW KRONKRON


Hiob abooboodi

1 Eyi akyi no, Hiob buee n’ano na ɔdomee n’awoda.

2 Na ɔkae sɛ:

3 Ma ɛda a wɔwoo me mu no nyera, ne anadwo a ese: Wɔanyinsɛn ɔbabanin no.

4 Ɛda no nnuru sum, mma Onyankopɔn mmfi soro mmmisa akyi kwan, na ɔharan bi nnhyerɛn so.

5 Esum ne sunsuma nnye no, omununkum ntena so, nea ɛma adekyee duru sum nyi no hu.

6 Anadwo no, esum kabii nkita no, wɔmmma ennnya anigye bi, afe nna no mu, wɔmmma ɛmmma asram dodow no mu.

7 Hwɛ, anadwo no nyɛ kwayow, ahurusi dwom bi mmma mu.

8 Ma wɔn a wɔdome da no mmɔ no dua, wɔn a wotumi hwanyan dɛnkyɛmmirampɔn no.

9 N’ahemadakye nsoromma beduru sum, ɛbɛtwɛn hann, na ebi remma, na ɛrenhu adekyee anisuatɛtɛw.

10 Efisɛ anto m’awo apon mu, na anyi ɔhaw anhintaw m’ani.

11 Ɛdɛn nti na manwu ɔyafunu mu, na mannyaa mu, awoee?

12 Ɛdɛn nti na anankoroma sɔw me, na ɛdɛn nti na metoo nufu minumii?

13 Anka sesɛɛ meda hɔ mayɛ komm, anka mada, ɛno de anka manya ahomeye,

14 me ne ahene ne asase so aguasemfo a wɔkyekyee amamfo fae no,

15 anaasɛ me ne mmapɔmma a wɔwɔ sika, wɔn a wɔde dwetɛ hyehyɛɛ wɔn afi amaama no.

16 Anaasɛ minni hɔ sɛ ɔpɔn ba a wɔakora no, anaa nkokoaa a wɔanhu hann da.

17 Ɛhɔ na abɔnefo nhaw obi bio, na abrɛfo gye wɔn ahome.

18 Ɛhɔ ara na nneduafo te dwoodwoo, wɔnte opiafo nne.

19 Ɛhɔ na onipa ketewa ne onipa kɛse wɔ, na akoa afi ne wura nsa.

20 Ɛdɛn nti na ɔma ɔbrɛfo hann, na ɔde nkwa ma wɔn a wɔn kra werɛ ahow,

21 wɔn a wɔtwɛn owu, na ɛmma, na wɔbɔre hwehwɛ no sen akorade,

22 wɔn a wɔn ani gye mmoroso, na wɔn ho sɛpɛw wɔn sɛ anka wobenya ɔdamoa,

23 ne ɔbarima a wɔde ne kwan ahintaw, na Onyankopɔn de ban atwa ne ho ahyia?

24 Na m’apinisi abesi m’aduan ananmu, na me su gu sɛ nsu.

25 Na nea misuro no, ɛno ara na ɛto me, na nea me bo tutu ho no, ɛba me so.

26 Minnya ahodwo ne kommyɛ ne ɔhome, na ahoguan ara na ɛba.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan