Hiob 27 - KYERƐW KRONKRONHiob kyerɛ ne bemdi ne abɔnefo ahotɔ a ɛnkyɛ 1 Na Hiob kɔɔ so maa n’abebusɛm so sɛ: 2 Sɛ Onyankopɔn a wayi me bem kɔ, ne Otumfo a ɔhyɛ me kra awerɛhow no te ase yi, 3 na m’ahome nyinaa da so wɔ me mu, na Onyankopɔn ahome da so wɔ me hwene mu yi, 4 ampa ara, m’ano renka amumɔyɛsɛm, na me tɛkrɛma renka nnaadaasɛm! 5 Ɛmpare me sɛ mebu mo bem; meremma wonyi me mudi mfi me ho de bɛkɔ akosi sɛ megyaa mu. 6 Mekura me trenee mu dennen, na merennyaa mu; me koma remmu me fɔ me nna biara ho. 7 Me tamfo nyɛ sɛ ɔbɔnefo, na nea ɔma ne ho so tia me no nyɛ sɛ omumɔyɛfo. 8 Na ɛdɛn ne ɔkɔnkɔnsani anidaso, bere a wotwa ne nkwa so, bere a Onyankopɔn twe ne kra kɔ no? 9 So Onyankopɔn bɛte ne sufrɛ bere a ahohia bɛba no so no anaa? 10 Anaasɛ n’ani begye Otumfo ho, ɔbɛfrɛ Onyankopɔn bere nyinaa mu anaa? 11 Mɛkyerɛ mo Onyankopɔn nsa ho asɛm, nea ɛwɔ Otumfo hɔ no, merensiw so. 12 Hwɛ, mo de, mo nyinaa moahu, na adɛn na moda so di ahuhusɛm yi? 13 Eyi ne onipa, ɔbɔnefo kyɛfa a onya Onyankopɔn hɔ, ne nhyɛsofo agyapade a wonya Otumfo nsam: 14 Sɛ ne mma dɔɔso a, wɔdɔɔso ma afoa, na wɔn a wofi no mu no aduan remmee wɔn. 15 Ne nnipa a wɔbɛka no, owuyare mu na wobesie wɔn, na n’akunafo rensu. 16 Sɛ ɔboa dwetɛ ano sɛ mfutuma, na osiesie ntade sɛ dɔte a, 17 osiesie de, nanso ɔtreneeni na ɔbɛhyɛ, na dwetɛ no, nea odi bem na ɔbɛkyɛ mu. 18 Osi ne dan sɛ abubummabaa, na ɛte sɛ ɔsese a ɔwɛmfo yɛ. 19 Ɔrekɔda, na ɔyɛ ɔdefo, nso ɔrenna so nyɛ saa bio; obebue n’ani, na onni hɔ bio. 20 Ahuyide fa no sɛ nsu, anadwo na ahum wia no kɔ. 21 Apuei mframa soa no kɔ, na ehwim no fi ne tenabea. 22 Na ɔtow gu no so, na ɔnkyɛe no so, aguan ara na ɔpɛ aguan afi ne nsam. 23 Wɔbɛbobɔ nsam agu no so, na wɔabɔ no so hwirema de no afi ne tenabea akɔ. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana