Hiob 26 - KYERƐW KRONKRONHiob kyerɛ Nyankopɔn kɛseyɛ 1 Na Hiob gyee so sɛ: 2 Woaboa nea onni tumi dɛn? Dɛn na woayɛ agye basa a enni ahoɔden? 3 Afotu bɛn na woatu nea onni nyansa, na woaka nimdeɛsɛm pa a ɛdɔɔso anaa? 4 Hena na woaka nsɛm akyerɛ no, na hena ahome na afi wo mu yi? 5 Nsamanfo ho yeraw wɔn, nsu ne wɔn a wɔte mu no ase. 6 Asamando da adagyaw n’anim, na nkataso biara nni hɔ mma ɔsɛe amoa. 7 Ɔno na ɔtrɛw ɔsoro a ebiri no mu ahunmu, na ɔde asase sɛn nea biribi nni. 8 Ɔkyekyere nsu hyɛ amununkum mu, nanso omununkum no mpae wɔ ase. 9 Ɔbram n’ahengua anim de ne mununkum katakata ho. 10 Otwa nsu ani hye de kosi nea hann ne sum awiei hyia hɔ. 11 Ɔsoro nnyinaso hinhim, na wɔn ho dwiriw wɔn, n’ateɛteɛ ano. 12 Ɔde ne tumi nu ɛpo mu, na ɔde ne nhumu brɛ Po mu bɔpɔn ase. 13 Ne honhom ano na ɔsoro tew, ne nsa na ehwirew ɔwɔ a ne ho yɛ hare no mu. 14 Hwɛ, eyinom ne n’akwan ano ano, na ɛho asomusɛm bi nko na yɛte, na ne mmaninyɛ prannaa a ɛbom no, hena na obehu mu? |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana