Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 24 - KYERƐW KRONKRON


Adɛn nti na Onyankopɔn nteɛ abɔnefo ntɛm

1 Adɛn nti na Otumfo nhyɛ bere ntua abɔnefo ka, na wɔn a wonim no no nhu ne bere no?

2 Ebinom wɔ hɔ a wotwiw ɔhye, wɔfow mmoakuw, na yɛn wɔn.

3 Wɔka ayisaa afurum kɔ, wogye okunafo nantwi sɛ awowa.

4 Wosum ahiafo afiri ɔkwan so; asase so amanehunufo bom hintaw.

5 Hwɛ, sɛ sare so mfurum fi adi no, saa ara na wɔkɔ wɔn dwumadi so kɔpɛ aduan, sare so na wonya aduan ma mmofra.

6 Mfuw so na wotwa mmoa aduan, na wodi ɔbɔnefo bobeturo mu mpɛpɛwa.

7 Wɔde adagyaw na ɛda, wonni ntama, na wonni nkataho awɔw mu;

8 mmepɔw so sutɔ fɔw wɔn, na sɛ wonni guankɔbea nti, wɔyɛ ɔbotan atuu.

9 Wɔtew ɔseawuo fi nufu ano, na wogye ohiani hɔ awowa.

10 Wɔnenam adagyaw, wonni ntama, na wɔde ɔkɔm soasoa awi afiafi.

11 Wokyi ngo wɔn afasu mu, wotiatia nsa-kyi-amoa so, nso wodi sukɔm.

12 Nkurow mu nso mmarima si apini, na wɔn a wɔapira wɔn akra su frɛ mmoa, nanso Onyankopɔn mfa n’ani nkari wɔn amumɔyɛsɛm no.

13 Ebinom ayɛ hann anim atuatewfo, wɔnhwɛ n’akwan, na wɔntena n’atempɔn mu.

14 Ahema na owudifo sɔre, okum ɔmanehunufo ne hiani, na anadwo ɔyɛ sɛ owifo.

15 Na ɔwaresɛefo aniwa twɛn sum bere, ɔka sɛ: Aniwa bi renhu me; na ɔde nkataho kata n’anim.

16 Esum mu na wohwirewhwirew adan mu; wɔto wɔn ho pon mu awia, wonnim hann.

17 Na wɔn nyinaa, esum kabii yɛ wɔn sɛ anɔpa, efisɛ wɔne sum kabii mu ahuyide yɛ nnamfo.

18 Ne ho yɛ hare wɔ nsu ani; wɔadome ne kyɛfa asase so, ɔnnan n’ani nkɔ bobe nturo kwan so.

19 Sɛnea ɔhyew ne ahohuru nnan sukyerɛma no, saa ara nso na Asamando pra wɔn a wɔyɛ bɔne kɔ.

20 Ɔyafunu a ɛwoo no no werɛ fi no, mmoawa fefew no. Wɔnkae no koraa bio, na wobebubu amumɔyɛ sɛ dua.

21 Odidii obonin a ɔnwo mpo ho, na wanyɛ ɔbea kunafo yiye.

22 Nanso Onyankopɔn de ne tumi twe atumfo fi hɔ; wɔtumi nya asetena pa de, nanso wonni nkwa ho anidaso biara.

23 Ɔma wɔtena hɔ dwoodwoo, na wɔde wɔn ho to ɛno so, nanso na n’ani hwɛ wɔn akwan.

24 Wodu nea ɛkorɔn, ɛyɛ kakraa pɛ, na wonni hɔ; wogyaa mu na wɔsiesie wɔn sɛ nnipa nyinaa, na wotwitwa wɔn sɛ awi mmɛtem.

25 Sɛ ɛnte saa a, hena na obeyi me ɔtorofo, na wakyerɛ sɛ m’asɛm no nni mu?

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan