Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 22 - KYERƐW KRONKRON


Elifas, Ahonu ho afotu

1 Ɛnna Temanni Elifas buae sɛ:

2 Ɔdasani bi betumi adi mu Onyankopɔn anim anaa? Hwɛ, onimdefo mpo, odi mu wɔ n'ankasa n'ani so.

3 So Otumfo nya ho biribi sɛ woteɛ, anaasɛ onya mfaso sɛ w’akwan di mu?

4 So wo suro nti na ɔbɛka w’anim, na ɔde wo akɔ atemmu mu anaa?

5 So ɛnyɛ sɛ wo bɔne dɔɔso? Na w’amumɔyɛ nni awiei.

6 Sɛ woagye wo nuanom awowa kwa, na woapa adagyafo ho ntama.

7 Woamma opititɔfo nsu annom, na woakame nea odi kɔm aduan.

8 Na onipa a ne basa mu yɛ den no, ɔno na asase wɔ no, na nea ɔwɔ anuonyam no na ɔtena so.

9 Woama mmea akunafo de nsapan kɔ, na nyisaa abasa nso, wɔabubu.

10 Enti na mfiri atwa wo ho ahyia, na nketenkete yi wo hu mpofirim.

11 Anaasɛ wunhu sum ne nsu pii a akata wo so?

12 So ɛnyɛ ɔsoro korɔn mu na Onyankopɔn wɔ? Na hwɛ nsoromma a ɛwɔ sorosoro no sɛ ɛkorɔn fa!

13 Na woka sɛ: Dɛn na Onyankopɔn nim? So kusukuukuu akyi noho na obebu atɛn?

14 Omununkum yɛ no nkataho, na onhu ade, na ɔsoro kontonkron so na ɔnantew.

15 So wobɛfa tete tempɔn no a mmabusufo nantew so no so?

16 Wɔn a wɔpraa wɔn kɔe ansa na ɛbere dui, na wɔn nnyinaso sen kɔe sɛ nsuyiri no.

17 Wɔn na wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Fi yɛn so! Na dɛn nso na Otumfo bɛyɛ wɔn?

18 Nanso ɔde nnepa hyehyɛɛ wɔn afi amaama, na abɔnefo agyinatu mpare me!

19 Atreneefo hu, na wɔn ani gye; na nea odi bem no di wɔn ho fɛw,

20 ka sɛ: Ampa ara wɔn a wɔsɔre hyɛɛ yɛn no ayera, na wɔn nnikae nso, ogya ahyew!

21 Enti, fa wo ho bɔ Onyankopɔn ho ɛ, na wo ho nnwo wo; eyi mu na adepa bɛba ama wo.

22 Gye n’anom mmara, na fa ne nsɛm sie wo komam.

23 Sɛ wosan kɔ Otumfo nkyɛn a, wɔde wo besi hɔ, sɛ anka wubeyi abusude afi wo ntamadan mu akɔ akyirikyiri a,

24 fa sika amapa gu mfutuma mu, na Ofir sika nso, fa gu asubɔnten mu mmosea mu.

25 Na Otumfo bɛyɛ wo sika amapa bebree, ne dwetɛ a wɔahɔre ama wo.

26 Ɛno na wo ho bɛsɛpɛw wo Otumfo ho, na woama w’ani so akyerɛ Onyankopɔn.

27 Wobɛsrɛ no, na watie wo, na w’aboade no, woatua.

28 Wobɛbɔ wo tirim, na ebegyina ama wo, na hann bɛhyerɛn w’akwan so.

29 Sɛ wɔbrɛ wo ase a, ɛnne ahomaso nti a. Efisɛ ɔhobrɛaseni de, ɔbɛma wadi yiye.

30 Sɛ nea onni bem po, obegye no a, ɛnne w’ahotew so na wobegye wo.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan