Hiob 21 - KYERƐW KRONKRONHiob mmuae 1 Na Hiob gyee so sɛ: 2 Otie na muntie me kasa, na eyi nyɛ mo awerɛkyekye. 3 Munnyaa me mma me nso menkasa, na mekasa miwie a, afei moadi fɛw. 4 So me de, onipa na midi abooboo mekyerɛ no? Na adɛn nti na me home rentew me? 5 Monnan mo ani nhwɛ me, na mo ho nnwiriw mo, na momfa mo nsa ntuatua mo ano. 6 Sɛ mekae a, mebɔ piriw, na nketenkete kita me honam. 7 Adɛn nti na abɔnefo nya nkwa? Wonyin kyɛ, na wɔyɛ ahoɔdenfo akɛse nso? 8 Wɔn mma tintim wɔn anim pintinn ka wɔn ho, yiw, mekyerɛ wɔn asefo no. 9 Wɔn afi mu dwo, ehu bi nni mu, na Onyankopɔn nteɛso bi nni wɔn so. 10 Wɔn nantwinini wowo, na ɔhaw bi mma ho, wɔn anantwibere nya awoye, na wɔmpɔn. 11 Woyi wɔn ntɔtɔfifiwa adi sɛ nguankuw, na wɔn mmotafowa nso huruhuruw. 12 Wɔn nne di akyeneka ne sankubɔ mu, na wɔn ani gye abɛnhyɛn ho. 13 Wɔhwere wɔn nna nnepa mu, na wosian kɔ asaman afrɛso. 14 Nanso wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Fi yɛn so, na yɛmpɛ sɛ yɛhwehwɛ w’akwan ho nimdeɛ. 15 Dɛn ne Otumfo no a yɛnsom no, na sɛ yɛbɔ no mpae a, mfaso bɛn na yebenya? 16 Nanso, Hwɛ! Ɛnyɛ wɔn ara nsam na wɔn nnepa wɔ, abɔnefo agyinatu mpare me! 17 Mpɛn ahe na abɔnefo kanea dum, na wɔn abu nso bu wɔn, na Onyankopɔn kyekyɛ awerɛhow n’abufuw mu? 18 Wɔte sɛ sakran, mframa ano, ne ntɛtɛwa a ahum soa kɔ. 19 Moka sɛ: Onyankopɔn kora wɔn amumɔyɛ so de ma wɔn mma; ma ontua wɔn ka na wonhu. 20 Ma wɔn aniwa nhu wɔn mmusu, na wonhu Otumfo no abufuhyew no bi. 21 Na ofi a wogyaw wɔn akyi no mfa wɔn ho hwee bio, bere a wɔn asram dodow to atwa no. 22 So obi bɛkyerɛ Onyankopɔn nhumu? Ɔno a obu ɔsorofo no atɛn no. 23 Obi wɔ n’ahoɔden pintinn nso owu, bere a ne ho tɔ no na n’asom dwo no; 24 Nufusu ahyɛ ne nhina amaama, na ne nnompe mu hon yɛ bɛtɛɛ no. 25 Na ɔfoforo nso, de ne kra awerɛhow wu a wanni nnepa no bi. 26 Faako ara, dɔte mu na wɔdedae, na mmoawa kata wɔn so. 27 Hwɛ, minim mo adwene ne adwemmɔne a mowɔ no me ho no, 28 sɛ moka sɛ: Ɛhe na bakoma no fi wɔ? Na ɛhe na ntamadan a abɔnefo tenaa mu no wɔ? 29 So mummisaa wɔn a wɔfa ɔkwan no so, na wɔn nsɛnkyerɛnne nso, monkarii? 30 Na wɔakora nnipa bɔne so de kosi ɔsɛe da, wɔde wɔn kɔ aweredi da. 31 Hena na ɔbɛka wɔn ani, n'abrabɔ ho? Na nea wɔayɛ no, hena na obetua wɔn so ka? 32 Na ɔno de, wokɔgya no damoa mu, na wɔwɛn wɔn damoa so ara. 33 Obon mu dɔtetɔw yɛ wɔn dɛ, na nnipa dodow di akyi, na n'anim nso wonnim wɔn dodow. 34 Na adɛn na mokyekye me werɛ kwa, na mo mmuae yɛ nkontompo ara yi? |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana