Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 20 - KYERƐW KRONKRON


Sofar kasa sɛ: Abɔnefo yiyedi nkyɛ

1 Ɛnna Naamani Sofar buae sɛ:

2 Me ho pere me nti, m’adwene yɛ me sɛ mimmua.

3 Mate nteɛso a asopa me, nanso honhom fi me nhumu mu bua me.

4 So wunnim eyi a efi tete, efii sɛ wɔde nnipa sii asase so no,

5 sɛ abɔnefo ahurusidi nkyɛ, na nyaatwomfo anigye yɛ bere tiaa bi nko?

6 Sɛ ne kɛseyɛ korɔn kɔpem ɔsoro, na ne ti kɔka omununkum a,

7 ɔbɛyera koraa sɛ ne sɛbew, wɔn a wohuu no no bɛka sɛ: Ɔwɔ he?

8 Obetu akɔ sɛ ɔdae, na wɔrenhu no, na wɔbɛpam no akɔ sɛ anadwo adehu.

9 Aniwa a ahu no renhu no bio, na ne tenabea renhu no bio.

10 Ne mma bɛpata abrɛfo, na ne nsa adan n’ahode ama.

11 Ne mmerantebere mu ahoɔden hyɛɛ ne nnompe mama, na afei ɛne no abɛda dɔte mu.

12 Sɛ adebɔne yɛɛ n’anom fremfrem, na ɔde siee ne tɛkrɛma ase,

13 na ɔkyɛee so na wannyaa mu, na ɔma ɛkaa ne dodom a,

14 afei de n’aduan asakra ne nsono mu, nhurutoa bɔre wɔ ne yam.

15 Wamene adedodow, na ɔbɛfe bio, Onyankopɔn betu afi ne yam;

16 obefew ahurutoa bɔre, na ɔprammiri tɛkrɛma bekum no.

17 N’ani rennye nsuwansuwa ho, ɛwo ne nufusu ani srade asuasu nsubɔnten ho.

18 Ɔbɛdan nea wabrɛ ho ama, na ɔremmene, n’ade a wanya no, ɔrenni ho ahurusi, sɛ ne dodow te no.

19 Efisɛ wapɛtɛw abrɛfo agyaw wɔn, na wafa ofi a ɛnyɛ ɔno na ɔkyekyee.

20 Sɛ ne yafunu ammee da nti, ɔrenkora nea n’ani gye ho no biara so.

21 Wannidi annyaw bi da, enti n’ahonyade rentena hɔ.

22 N’adedodow mayɛ mu ne ho behia no, amanehunufo nyinaa nsa bɛba no so.

23 Ɔbɛma n’abufuhyew aba no so, ama ɔde ahyɛ n’afuru ma, na ɔbɛma atɔ agu no so de ayɛ n’aduan.

24 Oguan fi dade akode ano a, kɔbere agyan bɛwɔ no ahwirew no mu;

25 otu fi ne honam mu, na agyan no fi ne bɔnwoma mu a, owu nyinnyam begu no so.

26 Wɔde sum nyinaa asie n’akorade, ogya a obi mfita mu bɛhyew no, ɛbɛhyew nea aka ne ntamadan mu.

27 Ɔsoro beyi n’amumɔyɛ adi, na asase bɛsɔre ahyɛ no.

28 Wɔbɛsoa ne fi ahonyade akɔ, wɔbɛtwe akɔ, n’abufuw da no.

29 Eyi ne onipa, ɔbɔnefo kyɛfa a, efi Onyankopɔn nkyɛn, ne n’agyapade, a Onyankopɔn ahyɛ ama no no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan