Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 18 - KYERƐW KRONKRON


Bildad kasa sɛ: Abɔnefo bɛsɛe

1 Ɛnna Suhini Bildad buae sɛ:

2 Mobɛkɔ nsɛnkeka so akosi da bɛn? Munnwen ho, na ɛno akyi no, yɛakasa.

3 Adɛn na wobu yɛn sɛ mmoa, na yɛyɛ mo ani so tibɔnkɔso anaa?

4 Wo a wotetew wo ho w’abufuw mu, so wo nti na wobegyaw asase, na wɔatu ɔbotan afi ne sibea anaa?

5 Nanso ɔbɔnefo kanea bedum, na ne gyaframa renhyerɛn.

6 Hann beduru sum, ne ntamadan mu, na ne kanea adum wɔ no so;

7 n’ahoɔden anammɔn ano bɛmoa, na n’agyinatu ahwe no ase.

8 Na n’ankasa ne nan bɛka no ato atena mu, na wanantew mfiri so.

9 Nsɛmma beso ne nantin na nkyehama akyekyere no.

10 Wɔde hentia behintaw fam ama no, na wɔasum no afiri ɔkwan so.

11 Ehu bekita no mmaa nyinaa ahyia, na atiw no n’anammɔn mu.

12 Ɔkɔm bɛsɛe n’ahoɔden, na mmusu ama wahintiw.

13 Ebedi ne honam akwaa, yiw owu abakan bedi n’akwaa.

14 Wobetu n’anidaso afi ne ntamadan mu, na wɔde no akɔ ahude mu hene no nkyɛn.

15 Nea ɛnyɛ ne dea bɛtena ne ntamadan mu, wɔbɛbɔ sufrɛ apete ne tenabea.

16 Ne ntini bewuwu wɔ n’ase, na n’abaa agunguan wɔ soro.

17 Ne nkae bɛsɛe afi asase so, na ɔrennya din asase ani.

18 Wobesum no afi hann mu akɔ sum mu, na wɔapam no afi wiase.

19 Ɔrennya mma ne mmanana ne man mu, na aseni bi renka n’atenae.

20 Ne da bɛyɛ wɔn a wɔwɔ atɔe ahodwiriw, sɛnea ehu kitaa wɔn a wɔwɔ apuei no.

21 Ampa ara, sɛnea amumɔyɛfo tenabea te ni, na nea onnim Onyankopɔn no nso kyɛfa ni.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan