Hiob 17 - KYERƐW KRONKRON1 M’ahome asa, me nna ahi, damoa na ɛwɔ hɔ ma me. 2 Ampa ara, ahiiyifo na ɛne me wɔ hɔ, na m’ani tua wɔn ntɔkwapɛ. 3 Si awowa ɛ, di me agyinam wo ara w’anim. Hena na obegyina m’akyi? 4 Na woayi nimdeɛ ahintaw wɔn koma, enti woremma wɔn so. 5 Nea ɔpa ne nnamfo de nya kyɛfa bi no, ne mma aniwa po bɛhwere. 6 Na ɔde me ayɛ aman akasabebui, na madan ani so hinam. 7 M’awerɛhow nti m’ani so asiw, na me ho ade nyinaa ayɛ sɛ sunsuma. 8 Teefo ho dwiriw wɔn eyi ho; na nea odi bem no bo huru ɔkɔnkɔnsani. 9 Nanso ɔtreneeni bekura ne kwan mu, na nea ne nsa ho tew no bɛkɔ so anya ahoɔden. 10 Na mo nyinaa, monsan mmra ɛ! Nanso merenhu mo mu nyansafo biara. 11 Me nna atwam, wɔatwitwa m’atirimbɔ mu, me koma ade a ɛpɛ no mu. 12 Wɔde anadwo yɛ awia; wose: Hann bɛn nea esum wɔ. 13 Sɛ mede asaman meyɛ me fi, na metow me mpa esum mu, 14 na mise ɔdamoa sɛ: M’agya ne wo, ne mmoawa sɛ: Me na ne me nuabea ne mo, a, 15 na afei, ɛhe na m’anidaso wɔ? Na nea m’ani da so no, hena na obehu? 16 Ebesian akɔ Asaman adaban mu, bere a yɛn nyinaa home wɔ mfutuma mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana