Hiob 16 - KYERƐW KRONKRONHiob su frɛ Onyankopɔn 1 Na Hiob gyee so sɛ: 2 Mate saa nsɛm a ɛte sɛɛ bebree ntee; mo nyinaa yɛ gyamserefo. 3 So nsɛnhuhu yi awiei ni? Anaasɛ ɛdɛn na ɛkaa wo ma wubua? 4 Sɛ mewɔ me tebea mu a, anka me nso mɛkasa sɛ mo, anka mɛhɔre nsɛm magu mo so, na mawosow me ti magu mo so; 5 Yiw anka mede m’ano mɛhyɛ mo den, na m’anom duema ama mo yaw abotow. 6 Sɛ mekasa a, me yaw no mmotow, na sɛ migyae nso a, ɛso nhuan ara. 7 Na afei de, Onyankopɔn agurow me; woama me ho nnipa nyinaa agu; 8 woapompono me ma adan adanse atia me, na me fɔn asɔre ahyɛ me na atoto m’ano wɔ m’anim. 9 Watetew me n’abufuw mu na ɔtaa me; ɔtwerɛ ne se gu me so; m'ahohiafo no nworam n’ani hwɛ me. 10 Wɔtɛɛtɛɛ wɔn anom hyɛ me, wɔde ahohorabɔ bobɔ m’asom, wɔn nyinaa boaboa wɔn ho ano hyɛ me. 11 Onyankopɔn ayi me ahyɛ abusufo nsa, na wasum me ato abɔnefo nsam. 12 Anka midi yiye, na obubuu me. Osoo me kɔn na obubuu me pasaa, na ɔde me sii hɔ yɛɛ ne botae; 13 n’agyan dii me so atwagu, ɔpaee m’asaabo mu, na wankora so, ohwiee me bɔnwoma guu fam; 14 oburuw me de oburuw paee oburuw so; ɔtow baa me so sɛ ɔdɔmmanin. 15 Mepam atweaatam mekataa me were so, na mede m’ahoɔden metoo mfutuma mu. 16 Osu nti m’anim abere kɔkɔkɔkɔ, na owu sunsuma da m’anisuatɛtɛ so. 17 Nanso amim bi nni me nsam, na me mpaebɔ ho tew. 18 O! Asase, nkata me mogya so, na mma me sufrɛ nnnya ɔhomebea! 19 Seisei po, hwɛ, ɔsoro na me dansefo wɔ, na me dimafo wɔ nea ɛkorɔn. 20 Me nnamfo po di me ho fɛw, nanso Onyankopɔn na m’aniwa poroporow nsu ma no. 21 Sɛ onni mma onipa, Onyankopɔn anim, sɛ onipa ba di ma ne yɔnko no. 22 Na mfe a ɛwɔ ano no bedu, na makɔ ɔkwan a merensan memma. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana