Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 15 - KYERƐW KRONKRON


Elifas ka Hiob anim na ɔkyerɛ abɔnefo mmusu

1 Ɛnna Temanni Elifas buae sɛ:

2 So onyansafo de nimdeɛ huhuw bebua, na ɔde apuei mframa ahyɛ n’afuru ma?

3 Ɔde nsɛm a ɛmfra beyi ntɛn, ne nsɛnkekae a mfaso nni mu?

4 Nso wotow onyamesuro kyene, na wuhuan Onyankopɔn anim mpaebɔ adwene so.

5 Na w’ano kyerɛ wo bɔne, na woafa anifere tɛkrɛma.

6 Wo ara w’ano na ebu wo fɔ, na ɛnyɛ me, yiw, wo ankasa w’ano na edi adanse tia wo.

7 So wone nea odi kan a wɔwoo no onipa, na wonyinsɛn wo ansa na wɔyɛɛ nkoko?

8 So wukotiee Onyankopɔn agyinatu, na woasiw nyansa ano afa?

9 Dɛn na wunim a yennim, na wuhu mu a enni yɛn nkyɛn?

10 Hwɛ nea wafuw dwen ne akwakoraa wɔ yɛn mu, nea ɔsen w’agya panyin mpo.

11 So Onyankopɔn awerɛkyekye ne, nsɛm a ɔne wo ka no brɛoo no sua w’ani so anaa?

12 Adɛn na wo koma twe wo kɔ, na adɛn na w’ani pa anyinam,

13 na wodan wo honhom tia Onyankopɔn na woma nsɛnkekae fi w’anom?

14 Hefo ne adasamma, na wɔn ho bɛtew, anaa wɔn a ɔbea awo wɔn no bɛteɛ?

15 Hwɛ, n’akronkronfo mpo ɔmfa ne ho nto wɔn so, na ɔsoro ho nso ntew n’ani so.

16 Na menne nea ne ho yɛ nwini na waporɔw, onipa a ɔnom amumɔyɛ sɛ nsu.

17 Mɛkyerɛ wo, na tie me; na nea mahu no, mɛka akyerɛ wo.

18 Nea anyansafo aka, na wɔansiw so fi wɔn agyanom bere so,

19 wɔn nko na wɔde asase no maa wɔn, na ɔhɔho biara antwam wɔn mu.

20 Ɔbɔnefo ho yeraw no, ne nna nyinaa, na wɔde mfe a wɔakan asie otirimmɔdenfo.

21 Ehu nkate gyigye n’asom, asomdwoe po mu na ɔsɛefo ba no so.

22 Onnye nni sɛ ɔbɛsan afi sum mu, na wɔayi no ama afoa.

23 Okyini hwehwɛ aduan, se: Ɛhe na ɛwɔ? Onim sɛ esum da abɛn no.

24 Ahohia ne ahokyere yi no hu, etintim no sɛ ɔhene a wasiesie ne ho ama ɔko a ɛyɛ hu.

25 Efisɛ wateɛ ne nsa wɔ Onyankopɔn so, na watew Otumfo so atua.

26 Ɔde kɔn a asen atow aba no so, ne n’akyɛm akyi apɔwapɔw a emu yɛ duru no;

27 efisɛ wama ne srade akata n’anim, na wama ne mfe mu adɔre srade,

28 na wakɔtena nkurow a agu so, afi a obi nte mu na wɔahyɛ sɛ ɛnyɛ afituw mu:

29 Ɔrennya ne ho, na n’adedodow nso rennyina, na ne nnɔbae renkonkom mma fam;

30 ɔremfa ne ho mfi sum mu, ogyaframa bɛma ne nnubaa agunguan, na mframa bɛpra ne hyerɛn akɔ;

31 mma ɔmmfa ne ho nnto ahuhude so nnnaadaa ne ho, na ahuhude ara na ɛbɛyɛ n’akatua.

32 Ne da nnya nnui no na akatua no bɛba, na ne dubaa renyɛ frɔmfrɔm;

33 ɔbɛporow n’akasiaw abun sɛ obobe de, na wawosow ne nhwiren agu sɛ ngodua de;

34 na abɔnefo fekuw bɛyɛ abonin, na ogya bɛhyew adammudegye ntamadan.

35 Wonyinsɛn ɔhaw, na wɔwo mmusu, na wɔn yafunu siesie nnaadaa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan