Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 12 - KYERƐW KRONKRON


Hiob ma mmuae

1 Na Hiob buae sɛ:

2 Yoo mone ɔman no nne, na muwu a, nyansa nso bewu.

3 Me nso, mewɔ koma sɛ mo, me de, merentɔ mu mo anim; na hena na onnim nneɛma a ɛte sɛɛ yi?

4 Nea ne yɔnko serew no ne me, nea osu frɛɛ Onyankopɔn na ogyee no so, wɔserew ɔtreneeni a odi mu no.

5 Nea ɔte hɔ dwoodwoo no tirim de, animtiaabu na ɛfata amanehunu, ɛne nea wɔasiesie ama wɔn a wɔn nan watiriw.

6 Amimfo ntamadan si hɔ dwoodwoo, na wɔn a wohuru Onyankopɔn bo te hɔ komm, wɔn a wokura wɔn nyame wɔ wɔn nsam no.

7 Na eyi de bisa mmoa ɛ, na wɔnkyerɛ wo, ne ɔsoro nnomaa nso, na wɔnka wo.

8 Anaasɛ gyen asase hwɛ, na ɛnkyerɛ wo, na ɛpo mu mpataa nka nkyerɛ wo.

9 Hena na ɔrenhu eyi nyinaa mu sɛ AWURADE nsa na ɛyɛɛ eyi?

10 Ne nsam na ɔteasefo biara kra wɔ, ne adasamma nyinaa ahonhom.

11 So ɛnyɛ aso na ɛsɔ nsɛm hwɛ, na dodom nso ka aduan hwɛ?

12 Nkwakoraa mu na nyansa wɔ, na onyinkyɛ ma nhumu.

13 Ɔno nkyɛn na nyansa ne mmaninne wɔ, ɔno na afotu ne nhumu wɔ no.

14 Hwɛ, oburuw, na wɔrento, ɔto onipa mu, na wɔremmue.

15 Hwɛ, osianka nsu ma ɛyow, nanso ogyaa mu ma ebutuw asase.

16 Ɔno nkyɛn na ahoɔden ne nyansa wɔ, nea wosisi no ne osisifo nyinaa yɛ ne dea.

17 Ɔpa amananiwafo ho de wɔn kɔ, na ɔma akannifo dan nkwasea.

18 Ɔsan ahene nkyehama, na ɔde nhama kyekyere wɔn asen;

19 ɔpa asɔfo ho de wɔn kɔ, na ɔde wɔn a wɔatim no hwe fam;

20 ɔma anotewfo gyae kasa, na ogye mpanyimfo nimdeɛ;

21 ɔde animtiaabu gu mmapɔmma so, na ohodwow nnɔmmarima abɔso mu;

22 oyi ade kuronkuron adi fi sum mu, na ɔde sum kabii fi ba hann mu;

23 ɔma aman nya nkɔso, na ɔsɛe wɔn; ɔtrɛw amanaman mu, na otu wɔn kɔ;

24 ogye asase so aman mu atitiriw koma; na ɔma wokyini asase a ɔkwan nni hɔ so;

25 wɔkeka sum a hann nni hɔ mu, na ɔma wokyini sɛ asabofo.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan