Hiob 10 - KYERƐW KRONKRON1 Me nkwa yɛ me kra nwini, megyaa m’apinisi mu wɔ me mu, mɛkasa m’awerɛhow mu. 2 Mese Onyankopɔn sɛ: Mmu me fɔ, ma minhu dekode a enti wo ne me ham yi. 3 So eye ma wo sɛ wohyɛ obi so, sɛ wopa wo nsa ano adwuma na wopene abɔnefo agyina so? 4 So wowɔ honam aniwa anaasɛ wuhu ade sɛ ɔdesani hu no? 5 So wo nna te sɛ ɔdesani nna anaa wo mfe te sɛ onipa nna anaa? 6 Sɛ wohwehwɛ me mfomso akyi kwan na wudi me bɔne akyi? 7 Nanso wunim sɛ menyɛ ɔbɔnefo, na obi nni hɔ a obegye wo nsam. 8 Wo nsa na ɛnwenee me na ɛyɛɛ me, me nipa mu nyinaa prɛko, ɛnna woamene me yi. 9 Kae sɛ wonwenee me sɛ anwemmo, na wobɛma madan mfutuma bio? 10 So woanhwie me angu sɛ nufusu na woma mipiwii sɛ nufusu a akyenkyen sebɔw? 11 Wode were ne nam na ɛhyɛɛ me, na wode nnompe ne ntini wurawuraa me mu. 12 Nkwa ne adɔe na wode ayɛ me, na wo hwɛ nso wɛn me honhom. 13 Na eyinom na wode siee wo komam, mahu sɛ eyi na wode atia me. 14 Sɛ meyɛ bɔne a, wobɛhwɛ me, na woremmu me bem me mfomso ho. 15 Sɛ midi abɔnefosɛm a, minnue; na sɛ meteɛ nso a, meremma me ti so; efisɛ ahohora ahyɛ me ma, na mehwɛ m’amanehunu. 16 Na sɛ mema me ho so a, wubetiw me sɛ gyata, na woasan ne me adi anwonwasɛm. 17 Na wode w’adansefo afoforo ara abegyina m’anim, na woama w’abufuw adɔɔso wɔ me so, na dɔm a ɛto dɔm abegu me so. 18 Adɛn nti na wuyii me fii ɔyafunu mu? Sɛ anka minya migyaa mu na aniwa bi anhu me ɛ! 19 Sɛ minya meyɛe sɛ ade a enni hɔ ɛ! Mifii ɔyafunu mu no, wokogyaa me ɔda mu ɛ! 20 So me nna nyɛ kakraa bi? Ma onnyaa me, onyi n’ani mfi me so, na me ho nsan me kakra, 21 ansa na makɔ nea merensan memma, na makɔ sum ne sunsuma asase so, 22 sum kabii a ɛte sɛ ɔdasum tumm asase, sunsuma ne sakasaka asase a ɛso hann te sɛ ɔdasum tumm no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana