Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 9 - KYERƐW KRONKRON


Yerusalem di nkogu

1 Na ɔde nne kɛse teɛɛm m’asom sɛ: Ma kurow no so ahwɛfo ntwiw mmɛn, na obiara mfa n’akode a ɔde sɛe ade nkura ne nsam.

2 Na hwɛ, mmarima baasia fi atifi ponkɛse a ɛkyerɛ atifi fam kwan no so reba, na wɔn dwerɛw nnade kurakura wɔn nsam, na ɔbarima biako wɔ wɔn mu a ɔhyɛ nwera, na ɔkyerɛwfo toaa bɔ n’asen, na wɔbaa mu begyinaa kɔbere afɔremuka no ho.

3 Na Israel Nyankopɔn anuonyam no fii Kerub a ɛwɔ so no so baa ɔdan no pon ano, na ɔfrɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera a ɔkyerɛwfo toaa bɔ n’asen no,

4 na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sen fa kurow no mu, Yerusalem mu, na hyɛ mmarima a wosisi apini di akyide a wɔyɛ wɔ mu no so nkɔmmɔ no nyinaa moma so agyirae.

5 Na wɔn a wɔaka no, ɔka kyerɛɛ wɔn m’asom sɛ: Munkodi n’akyi mfa kurow no mu, na munkunkum; mommma mo aniwa nnkyɛe so, na munnhu mmɔbɔ.

6 Nkwakoraa, mmerante ne mmabaa ne mmofra ne mmea, munkum wɔn nsɛe wɔn; na obiara a wɔahyɛ no agyirae no de, monnka no; na me kronkronbea hɔ na mumfi ase. Ɛnna wofii ase, mpanyimfo a wɔwɔ ofi no anim no so.

7 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munhura ofi no ho, na momfa atɔfo nhyehyɛ abangua no so amaama; mumfi adi! Na wofii adi kokunkumii kurow no mu.

8 Na wokunkumii no, ɛkaa me nko; na mede m’anim mibutuw fam, na meteɛɛm sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, so woresɛe Israel nkae no nyinaa, w’abufuhyew a wuhwie gu Yerusalem so no mu anaa?

9 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Israel ne Yuda fi amumɔyɛ so kɛse pa ara, na mogya ayɛ asase no so ma, na asɛm anidan ayɛ kurow no ma; na wɔka sɛ: AWURADE agyaw asase no, na AWURADE nhu.

10 Enti me nso m’aniwa renkyɛe so, na merenhu mmɔbɔ; mede wɔn kwan mebua wɔn atifi.

11 Na hwɛ, ɔbarima a ɔhyɛ nwera a ɔkyerɛwfo toaa bɔ n’asen no de asɛm san bae sɛ: Mayɛ sɛnea wohyɛɛ me no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan