Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 7 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn bu asase ne ɔman no atɛn

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Na wo, onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ Israel asase ni: Awiei no, awiei aba na ɛreba asase no ntwea anan so.

3 Afei awiei reba wo so, na mɛsoma m’abufuw aba wo so, na mabu wo w’akwan so atɛn, na mede w’akyide nyinaa aba wo so.

4 Na m’aniwa renkyɛe wo so, na merenhu mmɔbɔ, na w’akwan na mɛma aba wo so, na w’akyide atena wo mu, na moahu sɛ mene AWURADE.

5 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Adebɔne, adebɔne biako bi, hwɛ, ɛreba!

6 Awie no reba, awie no reba, awiei no reba wo so, hwɛ, ɛreba!

7 Asase no sotefo, nea wɔanyɛ no reba wo so; ɛbere no aba, ɛda no abɛn, hooyɛ, na ɛnyɛ mmepɔw so anigye huro.

8 Afei ɛrenkyɛ na mehwie m’abufuhyew agu wo so, na mede m’abufuw aba wo so, na mabu w’akwan no atɛn, na mede w’akyide nyinaa agu wo so.

9 Na m’aniwa renkyɛe wo so, na merenhu mmɔbɔ; w’akwan so ade na mede mɛma wo, na w’akyide atena wo mu. Na moahu sɛ me, AWURADE na mebobɔ.

10 Hwɛ, ɛda no ni, hwɛ, ɛreba; nea wɔahyɛ no refifi, abaa no fefɛw, ahantan no ahanhan;

11 Anuɔden asɔre ayɛ abɔnefosɛm abaa, wɔn ne wɔn asafo yuu ne wɔn ahonyade mu hwee renka, na yiye bi nni wɔn mu.

12 Ɛbere no aba, ɛda no redu; mma ɔdetɔfo ani nnnye, na ɔdetɔnfo nnni nkɔmmɔ, na abufuhyew no aba n’asafo yuu nyinaa so.

13 Na ɔdetɔnfo, sɛ ɔda so te ase nso a, ɔrensan mma nea watɔn no ho, na adehu a ɛfa n’asafo yuu nyinaa ho no rensan, na obiara remfa n’amumɔyɛ nhyɛ ne nkwa mu den.

14 Wɔhyɛn torobɛnto na wosiesie ade nyinaa de, nanso nea ɔkɔ ɔsa nni hɔ; na m’anibere ba n’asafo yuu nyinaa so.

15 Nkrante wɔ mfikyiri, na owuyare ne ɔkɔm wɔ ofie; nea ɔwɔ wuram bewu nkrante ano, na nea ɔwɔ kurow mu no, ɔkɔm ne owuyare bekum no.

16 Na wɔn mu aguanfo fi mu a, wɔbɛkɔ akɔtena mmepɔw so, na wɔn nyinaa ayɛ sɛ abon mu mmorɔnoma a wosisi apini, obiara n’amumɔyɛ ho.

17 Nsa nyinaa mu gugow, na anankoroma nyinaa ayɛ sɛ nsu.

18 Na wobefurafura ayitam, na awɔse gu wɔn so; na aniwu wɔ ani nyinaa mu, na wɔn nyinaa ti bɛpa.

19 Wɔbɛtotow wɔn dwetɛ agugu mmorɔn so, na wɔn sika adan efi; Wɔn dwetɛ ne wɔn sika rentumi nnye wɔn. AWURADE anibere da no, wɔremfa mma wɔn kra mmee, na wɔremfa nhyɛ wɔn ayamde mama, efisɛ ɛyɛɛ wɔn amumɔyɛ ho hintidua;

20 na n’ahokekade fɛfɛ no, wɔde dii ahantansɛm, na wɔde yɛɛ wɔn akyide mfonini, wɔn atantanne no, ɛno nti na mɛma adan wɔn fi,

21 na mede mɛhyɛ ananafo nsa, na wɔafom, ne asase so abɔnefo nsa, na ayɛ wɔn asade, na wɔahura ho.

22 Na mɛdan m’ani afi wɔn so, na wɔahura m’akorade ho, na adwowtwafo bɛhyɛn mu ahura ho.

23 Yɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn no: Na mogya ho atemmu ayɛ asase no ma, na atirimmɔden ahyɛ kurow no ma;

24 enti mede amanaman nnipa bɔne mɛba, na wɔabɛfa wɔn afi adi, na metwa ahoɔdenfo ahantan to ma wɔagu wɔn akronkronne ho fi.

25 Ɔsɛe reba; na wɔhwehwɛ asomdwoe, nso ebi nni hɔ.

26 Abu pae abu so, akwansosɛm pae akwansosɛm so; na wɔhwehwɛ odiyifo hɔ adehu, na mmara bɔ ɔsɔfo, na afotu bɔ mpanyimfo.

27 Ɔhene di nkɔmmɔ, na ɔbirɛmpɔn ho adwiriw no, na asase no so nnipa abasam atu. Wɔn akwan so ade na mɛyɛ wɔn, na wɔn atemmude na mede mebu wɔn atɛn, na wɔahu sɛ mene AWURADE.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan