Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 6 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn bu asase ne ɔman no atɛn

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Israel mmepɔw, na hyɛ nkɔm kyerɛ wɔn,

3 na ka sɛ: Mo Israel mmepɔw, muntie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ mmepɔw ne nkoko, nsubon ne abon ni: Hwɛ, mede nkrante mereba mo so mabɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea,

4 na mo afɔremuka adan afo, na wɔabubu mo wia adum no, na mama mo atɔfo agugu mo abosom ahoni anim,

5 na mede Israelfo afunu magu wɔn abosom ahoni anim, na mabɔ mo nnompe mapete mo afɔremuka ho ahyia.

6 Mo tenabea nyinaa nkurow bɛdan amamfo, na sorɔnsorɔmmea no bɛdan ahodwiriwde, sɛnea ɛbɛyɛ na mo afɔremuka adan afo ne ahodwiriwde, na wɔabubu mo abosom ahoni asɛe no, na wɔatwitwa mo wia adum, na wɔagu mo nneyɛe no.

7 Na atɔfo bɛhwehwe ase mo mu, na moahu sɛ mene AWURADE.

8 Nanso megyaw mo ebinom a wobefi nkrante ano aka, amanaman mu, bere a wɔbɛbɔ mo apete nsaase so no.

9 Na mo mu nnipa a wobefi mu afi no bɛkae me, amanaman a wɔafa wɔn nnommum akɔ hɔ no mu, sɛ mabubu wɔn aguamammɔ koma a atwe afi me ho ne wɔn aniwa a edi wɔn abosom akyi aguamammɔ mu no; na wɔn ankasa ho bɛyɛ wɔn nwini, nnebɔne a wɔayɛ, wɔn akyide nyinaa mu no ho;

10 na wobehu sɛ mene AWURADE; ɛnyɛ ɔkwa na maka sɛ mɛyɛ wɔn bɔne yi.

11 Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka ni: Bɔ wo nsam, na fa wo nan pempem fam, na ka sɛ: Ao, Israel fi akyide bɔne nyinaa nti wonnue, sɛ wɔbɛtotɔ nkrante ne ɔkɔm ne owuyare ano.

12 Nea ɔwɔ akyirikyiri bewu owuyare ano, na nea ɔbɛn nso bɛtɔ nkrante ano, na nea waka ne nea wɔakora no so bewu ɔkɔm ano, na m’anibere bewie wɔn so.

13 Na mubehu sɛ mene AWURADE, sɛ wɔn atɔfo bɛdeda wɔn abosom ahoni ntam atwa wɔn afɔremuka ho ahyia, nkoko a ɛkorɔn nyinaa so ne mmepɔw atifi nyinaa ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase ne adum kusukusuu nyinaa ase, nea wɔhyew hɔ aduhuam ma wɔn abosom ahoni nyinaa no.

14 Na mɛteɛ me nsa mahyɛ wɔn, na mɛyɛ asase no afo ne ahodwiriwde asen Ribla sare so, wɔn tenabea nyinaa mu, na wɔahu sɛ mene AWURADE.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan