Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 48 - KYERƐW KRONKRON


Asase no nkyekyɛmu ma mmusuakuw no

1 Na eyinom ne mmusuakuw no din: Efi atifi fam awiei, Hetlon kwan nkyɛn mu a wɔrekɔ Hamat, Hasar-enan, Damasko hye so, nea ɛkyerɛ atifi fam wɔ Hamat nkyɛn mu, na wonnya ano apuei ne atɔe, Dan, hama biako;

2 na nea edi Dan hye so a efi apuei de kɔ atɔe no, Aser de, biako;

3 na nea edi Aser hye so fi apuei de kɔ atɔe no, Naftali de, biako;

4 na nea edi Naftali hye so fi apuei de kɔ atɔe no, Manase de biako;

5 na nea edi Manase hye so fi apuei de kɔ atɔe no, Efraim de, biako;

6 na nea edi Efraim hye so fi apuei de kɔ atɔe no, Ruben de, biako;

7 na nea edi Ruben hye so fi apuei de kɔ atɔe no, Yuda de, biako.


Afa atitiriw bi a ɛwɔ asase no mfinimfini

8 Na nea edi Yuda hye so fi apuei de kɔ atɔe no nyɛ soma asase a momma so no, ne trɛw nyɛ susuw basafa mpem dumien ne ahanum; na ne ntwemu nyɛ sɛ kyɛfa no bi mfi apuei nkosi atɔe, na kronkronbea no nna mfinimfini.

9 Soma asase a munyi so mma AWURADE no ntwemu ni: Susuw basafa mpem dumien ne ahanum ne ne trɛw basafa ɔpedu.

10 Na wɔn a soma asase kronkron yi nyɛ wɔn de ni: Asɔfo de, atifi fam, basafa mpem dumien ne ahanum, atɔe fam trɛw basafa mpenum, apuei fam trɛw basafa mpenum, na anafo fam ntwemu basafa mpem dumien ne ahanum, na AWURADE kronkronbea no nna mfinimfini;

11 ɛnyɛ asɔfo de, wɔn a wɔayɛ wɔn kronkron, Sadok mma mu a wɔayɛ me som adwuma no a wɔamfom, Israelfo fom no mu, sɛnea Lewifo no fomee no,

12 na wonnya asase no soma mu nea wɔama so, akronkronne mu ade kronkron, Lewifo no hye ho.

13 Na Lewifo no nnya asɔfo hye no nkyɛn mu ntwemu nyɛ basafa mpem dumien ne ahanum ne ne trɛw basafa mpem anum; atwemu nyinaa nyɛ basafa mpem dumien ne ahanum, na ne trɛw nyɛ basafa mpem anum;

14 na wɔnntɔn mu bi, na wɔnnsesa, na wɔnnnan asase no ade a edi kan no mmma, na ɛyɛ kronkron ma AWURADE.

15 Na basafa mpemnum a ɛka ne trɛw mu, mpem dumien ne ahanum no mu no nyɛ anihumafo ade mma kurow no sɛ wɔn tenabea ne ɛho asase, na kurow no nna mfinimfini.

16 Na ne nsusuwii ni: Atifi fam ano: Mpemnan ahanum, na anafo fam ano: Mpemnan ahanum, na apuei ano: Basafa mpemnan ahanum; na atɔe fam ano: Mpemnan ahanum;

17 Na kurow no nnya mmoa adidibea nsaase: Basafa ɔha ne aduonu anum, atifi fam ne anafo, basafa ɔha ne aduonu anum ne apuei fam ahanu aduonum ne atɔe fam ahanu aduonum.

18 Na nea aka ne ntwemu mu a ɛyɛ soma asase no nkyɛn mu, apuei ɔpedu ne atɔe ɔpedu no, ɛnna soma asase kronkron no nkyɛn mu na ne nnɔbae nyɛ kurow no adwumayɛfo aduan;

19 na kurow no adwumayɛfo de, wobefi Israel mmusua kuw nyinaa mu abɛyɛ so adwuma.

20 Soma asase no nyinaa yɛ basafa mpem dumien ahanum, soma asase kronkron no nyɛ ahinanan na ɛnka kurow no de no ho.

21 Na nkae no nyɛ ɔberɛmpɔn no de, soma asase kronkron no ne kurow no de no ho, ɛha ne ha, nea ɛda soma asase no ho yɛ basafa mpem dumien ne ahanum no ho kosi apuei hye so, ne atɔe fam de a ɛda mpem dumien ne ahanum no ho kosi atɔe hye so ma ɛsesɛ mmusuakuw no kyɛfa so no, ɛnyɛ ɔberɛmpɔn no de, na soma asase kronkron ne ofi no kronkronbea no nna ntam.

22 Na efi Lewifo no kyɛfa ne kurow no kyɛfa a ɛda ɔberɛmpɔn no de no ntam no so, nea ɛda Yuda hye ne Benyamin hye ntam no nyɛ ɔbirɛmpɔn no de.


Mmusuakuw a aka no nsaase

23 Na mmusuakuw a aka no de ni: Efi apuei de kɔ atɔe no, Benyamin de, biako;

24 na nea edi Benyamin hye so fi apuei de kɔ atɔe no, Simeon de, biako;

25 na nea edi Simeon hye so fi apuei de kɔ no, Isakar de, biako;

26 na nea edi Isakar hye so fi apuei de kɔ atɔe no, Sebulon de, biako;

27 na nea edi Sebulon hye so fi apuei de kɔ atɔe no, Gad de, biako;

28 na Gad hye a ɛwɔ anafo fam a ɛkyerɛ anafo no so hye no mfi Tamar mfa Mariba nsu a ɛwɔ Kades ne Misraim subon no ano nkosi Ntam po kɛse no ano.

29 Eyi ne asase a momfa ntonto nkyɛ mma Israel mmusuakuw na wonni so no no, na eyi ne wɔn kyɛfa, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Yerusalem apon

30 Na eyinom ne kurow no ho apon: Atifi fam de no nsusuwii si basafa mpem abien ahanu aduonu;

31 na kurow no aponkɛse no wowɔ Israel mmusuakuw no din; atifi fam aponkɛse abiɛsa: Ruben ponkɛse, biako; Yuda ponkɛse, biako; Lewi ponkɛse biako;

32 na apuei fam ano de: Basafa mpemnan ahanum ne aponkɛse abiɛsa: Yosef ponkɛse, biako; Benyamin ponkɛse, biako; Dan ponkɛse, biako;

33 na anafo fam de no nsusuwii: Basafa mpemnan ahanum ne aponkɛse abiɛsa: Simeon ponkɛse, biako; Isakar ponkɛse, biako; Sebulon ponkɛse, biako;

34 atɔe fam de no: Basafa mpemnan ahanum, n’aponkɛse abiɛsa: Gad ponkɛse, biako; Aser ponkɛse, biako; Naftali ponkɛse, biako.

35 Nea etwa ho hyia si basafa mpem akron. Na efi da no, kurow no din ne: AWURADE wɔ hɔ.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan