Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 42 - KYERƐW KRONKRON


Adan abien bi a ɛbɛn Asɔrefi no

1 Ɛnna ɔde me fii adi faa atifi fam kwan so kɔɔ ɛho fam abangua no so, na ɔde me kɔɔ adammaa a ɛda afikyikuaa ne ɛhɔ dan no ntentenso a ɛkyerɛ atifi fam no ho,

2 ne ntwemu ho, esi basafa aduonum, ɔpon ano wɔ atifi fam, na ne trɛw si basafa aduonu anum;

3 ɛda emu fam abangua no basafa du no ntentenso ne ɛho fam abangua no abo nsɛwee no ntentenso; abrannaa kyerɛ abrannaa anim, nsɛmso a ɛto so abiɛsa mu,

4 na adammaa no anim na ɔkwan a ne trɛw si basafa anum wɔ, ɛde rekɔ emu fam, basafa aduonum kwan; na apon no ano kyerɛ benkum fam.

5 Na soro adammaa no yɛ ntiantia, efisɛ mmrannaa no di mu bi, na ɛntrɛw sɛ ɔdan no mfinimfini ne ase de no,

6 efisɛ ɛyɛ asansa, na enni adum sɛ mmangua no adum no, na wɔadwom afi ase de ne mfinimfini de no so, afi fam.

7 Na abo ban a ɛwɔ adiwo fam siane adammaa no, ɛho fam abangua no mu kyerɛ adammaa no anim, ne ntwemu basafa dumien ne fa,

8 na adammaa a ani kyerɛ ɛho fam abangua no atwemu si basafa dumien ne fa, na hwɛ, asɔredan no anim de na ɛyɛ basafa aduonu anum;

9 na adammaa yi pue abo ban no so; ɔkwan a obi fi ɛho fam abangua no so reba mu a ɔfa so no da apuei fam.

10 Abangua no fasu trɛw a ɛkyerɛ apuei fam no, afikyikuaa ne ɛho dan ntentenso mu na adammaa wɔ,

11 na ɔkwan da anim; ɛte sɛ adammaa a ɛwɔ atifi fam no, ne ntwemu ne ne trɛw saa ara, ne n’adifi akwan nyinaa ne ne nsiesiei; na sɛ n’apon ano te no,

12 sɛ nso adammaa a ɛwɔ anafo fam no apon ano tetee ne no, ɔpon ano wɔ ɔkwan no ti, ɛne ɔkwan a ɛda ɛho aban no anim, ɔkwan a wofi apuei fam nam so ba mu no.

13 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Atifi fam adammaa ne anafo fam adammaa a esisi afikyikuaa no anim no ne adammaa kronkron a asɔfo a wɔbɛn AWURADE no bedi akronkronne mu akronkronne hɔ no; ɛhɔ na wɔmfa akronkronne mu kronkronne ngugu, aduan afɔre ne bɔne ho afɔre ne asodi ho afɔre no, na ɛhɔ yɛ kronkron.

14 Asɔfo no hyɛn mu a, wommfi kronkronbea hɔ mmfi adi nnkɔ ɛho fam abangua no so, na emu hɔ na wɔmfa wɔn ntade a wɔde som ngu, na ɛyɛ kronkron; wɔnhyehyɛ ntade foforo ansa na wɔabɛn nea ɛyɛ ɔman no de ho.


Asɔrefi no susuw

15 Na owiee emu fam dan no susuw no, ɔde me fii adi faa ɔponkɛse a ani kyerɛ apuei fam no kwan so, na osusuw hyiae twem,

16 ɔde susuw demmire no susuw apuei mframa nnemmire basafa ɔha aduonu anum, susuw demmire no so de twa hyiae;

17 osusuw benkum fam nnemmire basafa ahanu aduonum, susuw demmire no so de twa hyiae.

18 Osusuw anafo fam nnemmire basafa ahannu aduonum, susuw demmire no so;

19 ɔdan kɔɔ atɔe fam kosusuw nnemmire basafa ahannu aduonum, susuw demmire no so;

20 mframa anan no so na osusuw no. Ɔfasu twa ho hyia twem; ne ntwemu basafa ahannu aduonum ne ne trɛw ahannu aduonum, sɛ entwa kronkronbea ne anihumafo de ntam.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan