Hesekiel 41 - KYERƐW KRONKRONAsɔrefi no nkyerɛkyerɛmu 1 Ɛnna ɔde me kɔɔ asɔredan no mu, na osusuw adum no: Basafa abiɛsa trɛw wɔ ha na basafa abiɛsa trɛw wɔ ha, ɛne ntamadan no trɛw. 2 Na ano kwan trɛw si basafa anum, na ano kwan no nkyɛn nkyɛn yɛ basafa abien ne fa wɔ ha ne basafa abien ne fa wɔ ha; na osusuw ne ntwemu basafa aduonu ne ne trɛw basafa du. 3 Ɛnna ɔkɔɔ emu fam kosusuw ɔpon ano adum no basafa baako, ne ɔpon no basafa abiɛsa, ne ɔpon no trɛw basafa abiɛsa ne fa; 4 na osusuw ne ntwemu basafa du ne ne trɛw basafa du, asɔredan no anim; na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛha ne kronkron mu kronkron. Adan a ɛwɔ afasu no ho 5 Ɛnna osusuw ɔdan no fasu basafa abiɛsa, ne ɛho mpia no trɛw basafa abien de twaa ɔdan no nyinaa ho hyiae; 6 na nkyɛn mu mpia no, pia si pia so ahorow abiɛsa, ne saa ahorow aduasa, na ɛkɔ ɔfasu a ɛwɔ ɔdan no ho ma mpia no so, twa ho hyia, ɛma esuso mu, nanso ensuso ɔdan no fasu mu; 7 na mpia no rekɔ soro hyia no na emu retrɛw, na ɔdan no ho mpia no kɔ soro ara twa ɔdan no ho hyia, enti emu trɛwee ɔdan no ho wɔ soro, na ne saa fi ase de no mu fa mfinimfini de no mu kɔ soro de no mu. 8 Na mihuu ɔdan no ho bamma a etwa ho hyia a ɛne nkyɛn mu mpia no nnyinaso, ne nhyɛase korɔn du basafa abiɛsa demmire no pɛ. 9 Nkyɛn mu mpia no akyiri fasu no trɛw si abien ne fa, na nea wogyawee ɔdan no ho nkyɛn mu mpia no ho no nso saa ara. 10 Na adammaa no ntam trɛw yɛ basafa du de twa ɔdan no ho hyia twem. 11 Na nkyɛn mu mpia no apon ano kwan kɔ nea wogyawee no so, ɔpon ano biako kyerɛ benkum fam, na ɔpon ano biako wɔ nifa fam, na ɔkwan a wogyawee no trɛw si basafa abien ne fa twa ho hyia. Adan a ɛwɔ atɔe 12 Na ɔdan a esi ofi no akyi adiwo atɔe fam no trɛw si basafa aduasa anum, na ɔdan no fasu trɛw si basafa abien ne fa de twa ho hyia, na ne ntwemu si basafa aduanan anum. Asɔredan no susuw mmoano 13 Na osusuw ɔdan no atwemu basafa ɔha, ne afikyiri adiwo ne ɛhɔ dan no ne n’afasu atwemu basafa aduonum; 14 na ɔdan no anim trɛw ne afikyikuaa no de, apuei fam, si basafa aduonum. 15 Saa na osusuw ɔdan a esi afikyikuaa no anim a ekoduu n’akyi ne ɛho mmrannaa a ɛwɔ ha ne ha ntwemu basafa aduonum, ne emu fam asɔredan no ne abangua no ntwironoa. Asɔredan no nkyekyɛmu 16 Apon ase ne mfɛnsere ahunaniankansa ne mmrannaa a etwa n’abiɛsa no ho hyia no, apongua a wɔde dua adura ho ahyia no ne fam de kɔka mfɛnsere no ho no, ne mfɛnsere a wɔakatakata ho no, 17 apon ano atifi hɔnom, ɔdan no mu fam ne akyi fam ne afasu no nyinaa twem, emu fam ne ɛho fam, ne nyinaa wɔ ne nsusuwii. 18 Na wɔayeyɛ kerubim ne mmɛ, na abɛ wɔ kerub ne kerub ntam, na kerub biara wɔ anim abien, 19 na onipa anim kyerɛ abɛ ɔfa ha, na gyata anim kyerɛ abɛ ɔfa ha; wɔyɛe ɔdan no mu nyinaa hyiae; 20 efi fam kosi pon no atifi na wɔayeyɛ kerubim ne mmɛ no, asɔredan no fasu ho. Dua Afɔremuka no 21 Asɔredan no wɔ apongua ahinanan, na kronkronbea no anim wɔ ne de saa ara. 22 Afɔremuka no yɛ dua, ne korɔn basafa biako ne fa, na ne ntwemu basafa baako, na ne twea ne ne nnyinaso ne n’afasu yɛ dua; na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Eyi ne ɔpon a esi AWURADE anim. 23 Na asɔredan no asa ne pia kronkron no wɔ apon abien. Apon no 24 Na apon no yɛ ntanta, apon mmukawmu abien abien; abien yɛ ɔpon biako de, na apon abien yɛ biako de; 25 na wɔayɛ asɔredan ano apon no so kerubim ne mmɛ, sɛnea wɔyɛe afasu no ho no; na dua ntiaso wɔ ntwironoa no anim adiwo fam. 26 Na mfɛnsere ahunaniankansa ne mmɛ wɔ ɔfa ha ne fa ha, ntwironoa no nkyɛn mu ne ɔdan no nkyɛn mu mpia ne nkataso mpuran no ho. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana