Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 4 - KYERƐW KRONKRON


Wotua Yerusalem

1 Na wo, onipa ba, fa ntayaa to w’anim, na kurukyerɛw so kurow a ɛne Yerusalem,

2 na ka no hyɛ mu, na to aban hyɛ ho, na gu ho mpempe, na bɔ ho nsra hyia, na fa ɔfasu bu adwennini sisi ho hyia.

3 Na wo nso, fa dade asanka, na fa yɛ dade fasu, wo ne kurow no ntam, na dan w’ani kyerɛ no, na enni kamu, na tua no; ɛno nyɛ sɛnkyerɛnne mma Israel fi.

4 Na wo de, da wo benkum so, na fa Israel fi amumɔyɛ to so; nna dodow a woda so no na wobɛsoa wɔn amumɔyɛ.

5 Na me de, mede wɔn amumɔyɛ mfe no mayɛ nna dodow mama wo, nna ahasa aduakron na wobɛsoa Israel fi amumɔyɛ no.

6 Na wuwie eyinom a, san da wo nifa so soa Yuda fi amumɔyɛ adaduanan; mede afe afe mayɛ wo da koro da koro.

7 Na dan w’ani kyerɛ Yerusalem nkahyem no a wo nsa ho da hɔ, na hyɛ nkɔm gu no so.

8 Na hwɛ, mede nhama megu wo so, na woantwa dafa amfi wo mfe so, ankɔ wo mfe so, de bɛkɔ akosi sɛ wubewie wo nkahyem nna no ansa.

9 Na wo de, fa awi ne atoko ne asɛ ne asedua ne kɔkɔte ne aburow hyɛ ade biako mu fa, na fa yɛ w’aduan di nna dodow a wode bɛda wo mfe so no, ɛne nna ahasa aduakron;

10 na w’aduan a wubedi no, kari, nnwetɛbona aduonu da koro na di no nna nna.

11 Na nsu nso susuw na nom, susutoa nkyemu asia mu biako, na nom no nna nna.

12 Na di no atoko fam a wode kyerebo a efi onipa mu atoto, wɔn anim.

13 Na AWURADE kae sɛ: Saa ara na Israelfo bedi wɔn aduan a ɛho akum, amanaman a mesum wɔn makɔ hɔ no mu.

14 Ɛnna mise: Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, me kra ho nkumii ɛ, na ade a atɔ anaasɛ wɔatetew mu nso, minnii bi da, fi me mmofraase bedu sesɛɛ, nanso nam a wokyi bi nkɔɔ m’anom pɛn ɛ.

15 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, mede nantwi bin masi onipa kyerebo ananmu ama wo, na woato w’abodoo wɔ so.

16 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, hwɛ, brodoto begyae wɔ Yerusalem, na wɔadi brodo nkarii so, ne nkɔmmɔdi mu, na nsu nso wɔanom no nsusuwii ne ahodwiriw so,

17 na brodo ne nsu ho ahia wɔn, na wɔn ho adwiriw wɔn, onipa ne ne nua, na wɔatetew, wɔn amumɔyɛ mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan