Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 39 - KYERƐW KRONKRON

1 Na wo, onipa ba, hyɛ Gog ho nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne wo anya, Gog, Ros, Mesek ne Tubal birɛmpɔn!

2 Na mɛdannan wo na maka wo, na mama woatu afi atifi fam ano noho tɔnn aba, na mede wo maba Israel mmepɔw so;

3 na mɛbɔ wo ta so afi wo nsa benkum mu, na mama w’agyan afi wo nsa nifa mu atotɔ;

4 Israel mmepɔw so na wobɛtɔ, wo ne w’asafotow nyinaa ne aman a wɔka wo ho no; nnomaa a edi nam, ntakraboa nyinaa ne wuram mmoa na mede wo mɛyɛ wɔn aduan;

5 tataw ani na wobɛtɔ, na me na maka, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

6 Na mɛsoma ogya akɔ Magog ne wɔn a wɔtete nsupɔw so dwoodwoo no mu, na wɔahu sɛ mene AWURADE.

7 Na mɛma wɔahu me din kronkron me man Israel mu, na meremma wonhura me din kronkron no ho bio, na amanaman ahu sɛ mene AWURADE, Israel mu kronkronni no.

8 Hwɛ, ɛreba na wɔbɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ɛno ara ne da a maka ho asɛm no.

9 Ɛnna Israel nkurow mufo befifi adi akɔto akode no mu gya ahyew, akyɛm nkumaa ne akyɛm akɛse, ta ne agyan ne mporibaa ne mpeaw, na wɔde ayɛ nnyina asɔ mfe asɔn;

10 na wɔrenkɔ wuram anyina, na wɔrentwa ebi mfi kwae mu, na akode no na wɔbɛsɔ; na wɔbɛfom wɔn a wɔfom wɔn, na wɔafow wɔn a wɔfow wɔn no, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

11 Na ɛda no, mɛma Gog afa bi wɔ hɔ a ɛbɛyɛ no asiei Israel mu, akwantemfo bon a ɛwɔ ɛpo no anim fam no, na ebesiw akwantemfo kwan, na ɛhɔ na wobesie Gog ne n’asafo yuu no nyinaa, na wɔafrɛ hɔ sɛ: Gog asafo yuu no bon.

12 Na Israel fi besie wɔn sɛ wɔde redwira asase no asram asɔn;

13 na asase no so aman no nyinaa besie wɔn, na ayɛ wɔn din, da a menya anuonyam no, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

14 Na wobeyiyi nnipa ama wɔakyinkyini asase no so asie wɔn a wɔaka asase no so no de adwira; asram ason akyi no, wɔbɛtwee ahwehwɛ;

15 na anantefo no kyini asase no so, na wɔn mu bi hu onipa dompe a, ɔbɛhyɛ ho agyirae de akosi sɛ asiefo no bɛba abesie no, Gog asafo yuu bon no mu.

16 Na kurow bi din nso bɛyɛ Hamona. Sɛɛ na wobedwira asase no.

17 Na wo, onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ka kyerɛ nnomaa, ntakraboa nyinaa, ne wuram mmoa nyinaa sɛ: Munhyia mmra, mommoa mo ho ano mfi mmaa nyinaa mmra me kum afɔre a makum mama mo no ho, Israel mmepɔw so kum afɔre kɛse, na mummedi nam na monnom mogya;

18 nnɔmmarima nam na mubedi, na asase so abirempɔn mogya na mobɛnom, adwennini, nguanten mma ne mpapo ne anantwinini, Basan nyɛmmoa ara nko;

19 na mubedi srade amee, na moanom mogya abow, me kum afɔre a mikum memaa mo no mu,

20 na apɔnkɔ ne apɔnkɔfo, nnɔmmarima ne akofo nyinaa bɛmee mo, me pon so, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

21 Na mede m’anuonyam mesi amanaman mu, na amanaman nyinaa ahu m’atɛn a mabu ne me nsa a mede mato wɔn so;

22 na Israel fi behu sɛ me, AWURADE, mene wɔn Nyankopɔn afi da no de akɔ,

23 na amanaman no behu sɛ Israel fi amumɔyɛ nti na wotuu wɔn kɔe; efisɛ wɔyɛɛ me bɔne nti na miyii m’ani mihintaw wɔn, na mede wɔn mehyɛɛ wɔn ahohiafo nsa na wɔn nyinaa totɔɔ nkrante ano;

24 wɔn fi ne wɔn mmaratode so na me ne wɔn dii, na miyii m’ani mihintaw wɔn.

25 Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Afei mede Yakob nnommum no mɛsan maba, na mahu Israel fi nyinaa mmɔbɔ, na matwe me din kronkron no ho ninkunu,

26 na wɔbɛsoa wɔn ahohora ne wɔn bɔne a wɔyɛɛ me no nyinaa bere a wɔte wɔn asase so dwoodwoo na obi nni hɔ a oyi wɔn hu no,

27 bere a makɔfa wɔn afi aman mu masan aba, na makɔboaboa wɔn ano afi wɔn atamfo nsaase so, na mayi me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu, amanaman bebree anim no.

28 Na wobehu sɛ mene AWURADE wɔn Nyankopɔn, sɛ mema wotuu wɔn kɔɔ amanaman mu, na mekɔtasee wɔn mebaa wɔn asase so bio na mannyaw wɔn mu bi wɔ hɔ bio.

29 Na merenyi m’ani minhintaw wɔn bio, efisɛ mahwie me honhom agu Israel fi so, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan