Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 26 - KYERƐW KRONKRON


Tiro ho atemmusɛm

1 Na afe a ɛto so dubiako, ɔsram no da a edi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, esiane sɛ Tiro ka Yerusalem ho sɛ: Wiɛ, wɔabubu nkurɔfo no pon no, ɛbɛdan aba me nkyɛn; mɛyɛ ma, ɛno ayɛ amamfo nti,

3 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne wo anya, Tiro, na mede amanaman bebree mɛba wo so, sɛnea ɛpo de n’asorɔkye ba no,

4 na wɔabɛsɛe Tiro afasu, na wɔabubu n’aban atenten no; na mɛpra ne dɔte afi mu, na mayɛ no ɔbotan firefire;

5 ɛbɛyɛ asawu hatabea ɛpo mu; na me na maka, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, na ɛbɛyɛ amanaman asade,

6 na ne mmabea a wɔwowɔ asase no so no, wɔde nkrante bekunkum wɔn, na wɔahu sɛ mene AWURADE.

7 Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede Babel hene Nebukadnesar, ahene mu hene no, mifi atifi fam, ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo ne asafo ne dɔm bebree mereba Tiro so.

8 Wo mmabea a ɛwowɔ asase no so no, ɔde nkrante bekum wɔn, na wasi wo ho aban, na wato wo ho mpempe, na wama ɔkyɛm so ahyia wo,

9 na ɔde ne buruw ade asisi w’afasu ho, na ɔde n’akode adwiriw w’aban atenten.

10 N’apɔnkɔ dodow nti wɔn tutuw bɛkata wo so, apɔnkɔsotefo ne nkyimii ne nteaseɛnam gyegyeegye nti na w’afasu bɛwosowosow, bere a ɔfa w’aponkɛse mu aba mu sɛ wɔn wɔnhyɛn kurow a wɔabu mu afa mu no mu.

11 Ɔde n’apɔnkɔ ntɔte betiatia wo mmorɔn nyinaa so, ɔde nkrante bekunkum wo nkurɔfo, na obesum w’ahoɔden adum no agu fam.

12 Na wɔde w’ahonyade bɛyɛ asade, na wɔafomfom w’aguade, na wɔaburuw w’afasu, na wɔadwiriw w’anigye afi, na wɔatotow w’abo ne wo nnua ne wo dɔte agu nsu mu.

13 Na mɛma wo nnwonto huuyɛ agyae, na w’asanku nne nso, wɔrente bio.

14 Na mɛyɛ wo ɔbotan firefire, wobɛdan asawu hatabea; wɔrenkyekye wo bio, na me, AWURADE, na maka, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

15 Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ Tiro ni: So ɛnyɛ w’asehwe huuyɛ, w’atɔfo apenepene, okum a wokunkumii wɔ wo mu nti na nsupɔw bɛwosowosow?

16 Na ɛpo so abirempɔn nyinaa refi wɔn agua so asiansian, na wɔayiyi wɔn nguguso, na wɔaworɔworɔw wɔn nkyeremu ntade, na wɔafura ahopopo atenatena fam, na wɔn ho apopo bere nyinaa mu, na wo nti wɔn ho adwiriw wɔn.

17 Na wobetwa wo ho kwadwom aka akyerɛ wo sɛ: Ai, sɛnea woasɛe ni, wo a ɛpo mufo bɛtenaa wo mu, kurow a wɔkamfo sɛ ɛyɛ den wɔ po mu, Wo ne emufo a wɔma wɔn ho hu ba emufo nyinaa so no!

18 Afei mpoano aman ho bɛpopo w’asehwe da no, na nsupɔw a ɛwɔ po mu no bo atutu, w’awiei ho.

19 Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Sɛ meyɛ wo akurofo sɛ nkurow a wɔntena mu bio, sɛ mede obun meba wo so ma nsu bebree abɛkata wo so,

20 mede wo mesian maka wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no ho makɔ tete bemee nkurɔfo no nkyɛn, na mama woatena famfam asase so, nea ɛhɔ yɛ amamfo fi tete bemee no, wɔn a wosian kɔ amoa mu no nkyɛn, nea ɛbɛyɛ na wɔrentena wo mu bio, na mɛyɛ anuonyanne, ateasefo asase so.

21 Ade a ɛyɛ hu na mede wo mɛyɛ, na worentena hɔ bio, na wobisa w’akyi kwan a, wɔrenhu wo da biara da bio, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan