Hesekiel 24 - KYERƐW KRONKRONƆsɛn a ehuru no. Yerusalem awiei 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn afe a ɛto so akron, ɔsram a ɛto so du no, da a ɛto so du no sɛ: 2 Onipa ba, kyerɛw da yi din, da yi ara. Babel hene atua Yerusalem da yi ara. 3 Na bu asowui fi no bɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Fa ɔsɛn no si so, fa si so, na hwie nsu nso gu mu. 4 Fa ne nankum nso gu mu, nankum a eye nyinaa, ɔsrɛ ne basa, nnompe a eye nyinaa na fa hyɛ mu ma; 5 fa nguan mu wɔn a woye no, na fa nnyina hyehyɛ nnompe no ase ma enhuru yiye, na ne nnompe nso mmen mu. 6 Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Due, mogya kurow! Ɔsɛn a emu agye nkannare a ne nkannare mfii no mu. Yiyi mu ade, nankum, nankum; wɔnntwe so ntonto. 7 Na ne mogya wɔ no mu; waka agu ɔbotan firefire so, wanhwie angu fam, na wɔde dɔte akata so. 8 Nea ɛbɛyɛ na ahwanyan anibere na ama aweredi aba nti na memaa ne mogya guu ɔbotan pataa so na wɔankata so yi. 9 Ne saa nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Due, mogyahwiegu kurow! 10 Ma nnyina nnɔɔso, ma ogya no nnɛw, na nam no nhono, nu mu ma empiw na nnompe no nhyew. 11 Na fa no hunu si nsramma no so, nea ɛbɛyɛ na ne kɔbere adɔ na emu adɔ kɔɔ, na emu fi no anan na ne nkannare asa. 12 Ɔkwa ara na mabrɛ me ho, nanso ne nkannare dodow no mfi; ogya mu na wɔmfa ne nkannare nkɔ. 13 Wo fi mu wɔ abusude; sɛ matwiw wo ho na efi nti, wo ho rentew mfi wo fi no mu bio, de bɛkɔ akosi sɛ mɛma m’abufuhyew adwo wo ho. 14 Me, AWURADE, na maka; ɛbɛba na mɛyɛ. Merennyae na merenkyɛe so na merennu me ho; sɛ w’akwan te ne sɛ wo nneyɛe te no, saa na wobebu wo atɛn, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Obiara nnyam no 15 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 16 Onipa ba, hwɛ, merebɛbɔ wo de ayi w’aniwa ade a ɛpɛ no afi wo ho; na ntwa adwo, nsu, na mma wo nusu nnsen. 17 Gu ahome komm, nni owufo ho nkɔmmɔ, fa w’abotiri bɔ wo ti, na fa wo mpaboa hyɛ w’anan, na nkata w’ano, na nni nnipa aduan. 18 Na mekasa mekyerɛɛ ɔman no anɔpa, na me yere wui anwummere, na anɔpa no meyɛe sɛnea wɔhyɛɛ me no. 19 Na nkurɔfo no ka kyerɛɛ me sɛ: So worenkyerɛ yɛn dekode a eyinom a woreyɛ yi kyerɛ wɔ yɛn ho anaa? 20 Na meka mekyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 21 Kasa kyerɛ Israel fi sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, merehura me kronkronbea ho, mo ahoɔden ahokyerɛ no, mo aniwa ade a ɛpɛ ne mo kra ade a ɛdɔ ho no; na mo mmabanin ne mo mmabea a mugyawee no bɛtotɔ nkrante ano. 22 Na mobɛyɛ sɛnea mayɛ yi, morenkata mo ano na morenni nnipa aduan, 23 na mo ahyehyɛde bɛbobɔ mo ti, na mo mpaboa ahyehyɛ mo anan; morentwa adwo na morensu, na mobɛsɔn agu, mo amumɔyɛ mu, na moasisi apini akyerɛkyerɛ mo ho. 24 Na Hesekiel ayɛ mo sɛnkyerɛnne; sɛnea wayɛ yi nyinaa, mobɛyɛ bere a ɛbɛbam no, na moahu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn. 25 Na wo, onipa ba, ɛda no ara a megye wɔn nsam wɔn ahoɔden, wɔn ahyehyɛde ho ahosɛpɛw, wɔn anigye ade, ne wɔn kra ade a ɛpɛ no, wɔn mmabanin ne wɔn mmabea no, 26 da no ara na nea wafi mu afi bi bɛba wo nkyɛn abɛma w’aso ate. 27 Ɛda no ara na wo ne nea wafi mu afi no ano bebue, na wobɛkasa na worentɔ mum bio, na wobɛyɛ wɔn sɛnkyerɛnne na wɔahu sɛ mene AWURADE. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana