Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 2 - KYERƐW KRONKRON


Odiyifo no frɛ

1 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sɔre gyina wo nan so, na me ne wo nkasa.

2 Na ɔrekasa akyerɛ me no, honhom bi baa me mu, na ɛmaa me so gyinaa m’anan so, na mitiee nea ɔne me kasae no.

3 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, meresoma wo Israelfo nkyɛn, amanaman atuatewfo a wɔatew m’anim atua no nkyɛn; wɔne wɔn agyanom na afom me de besi nnɛ da yi.

4 Na mma no yɛ anuɔdenfo a wɔapirim wɔn koma; me na meresoma wo wɔn nkyɛn, na woaka akyerɛ wɔn sɛ: Sɛɛ na AWURADE Nyankopɔn se.

5 Na sɛ wotie oo, wɔantie oo, efisɛ abusua asowuifo ne wɔn, ɛnyɛ dɛn ara a, wobehu sɛ odiyifo bi aba wɔn mu.

6 Na wo, onipa ba, nsuro wɔn, na nsuro wɔn nsɛm nso, na nsasono ne nsɔe wɔ wo ho, na nkekantwɛre ho na wote de, nanso nsuro wɔn nsɛm, na mma wo bo nntu wɔn anim; na wɔyɛ abusua asowuifo.

7 Na wotie oo, wɔantie oo, ka me nsɛm kyerɛ wɔn, na wɔyɛ asowuifo.

8 Na wo, onipa ba, tie nea mereka makyerɛ wo yi, nyɛ ɔsowuifo sɛ asowuifo fi yi; han w’anom, na di nea mede merema wo.

9 Na mihui, na hwɛ, nsa ateɛ kyerɛ me, na hwɛ, nhoma mmobɔwee wɔ mu.

10 Na ɔtrɛw mu, m’anim, na wɔakyerɛw emu ne akyiri, na wɔakyerɛw mu kwadwom ne apinisi ne osu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan