Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 15 - KYERƐW KRONKRON


Yerusalem yɛ obobe dua hunu

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, dɛn na obobe dua de sen nnua nyinaa, obobe baa a ɛwɔ wura mu nnua mu no?

3 So wɔfa mu dua de yɛ adwuma bi, anaasɛ wɔfa mu bi yɛ bofunnua, sɛ wɔde ade biara bɛsɛn so?

4 Hwɛ, wɔde gu ogya mu, na ahyew. Sɛ ogya ahyew ano abien, na mfinimfini ahyew a, so ɛfata adwuma bi yɛ anaa?

5 Hwɛ, ɛda so di mu no, wɔmfa nyɛ hwee hwee, na menne sɛ ogya ahyew na ahyew dwɛɛ yi, na wɔde bɛyɛ biribi bio anaa?

6 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Sɛnea obobe dua te kwae mu nnua mu, a mede mema ogya ma ɛhyew no, saa na mede Yerusalemfo mɛma,

7 na meyi m’ani masa wɔn; wofi ogya mu, na ogya ara na ɛbɛhyew wɔn, na moahu sɛ mene AWURADE, m’ani a miyi mesa wɔn no mu;

8 na mɛma asase no adan afo, efisɛ wɔadi afomfonsɛm, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan