Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 13 - KYERƐW KRONKRON


Atoro adiyifo ho atemmusɛm

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, hyɛ Israel adiyifo a wɔhyɛ nkɔm no ho nkɔm, na ka kyerɛ wɔn a wofi wɔn ara komam hyɛ nkɔm no sɛ: Muntie AWURADE asɛm.

3 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Wonnue, adiyifo nkwasea a wodi wɔn honhom akyi na wonhu hwee no.

4 Israel, w’adiyifo ayɛ sɛ akurofo mu sakraman.

5 Mommforoo nnkogyinaa ntokuru no mu, na munntwaa Israel fi ho ban, sɛ ebegyina akono, AWURADE da no.

6 Ahuhude ne atoro nkɔmhyɛ na wɔn a wɔka sɛ: AWURADE asɛm ni, no hu, nso na AWURADE nsomaa wɔn ɛ, nanso wɔtwɛn sɛ ɔbɛma wɔn asɛm no aba mu.

7 So ɛnyɛ ahuhude na muhu na atoro nkɔm na mohyɛ, sɛ moka sɛ: AWURADE asɛm ni, wɔ bere a menkasae ɛ?

8 Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Sɛ moka ahuhusɛm na muhu atoro anisoade yi nti, hwɛ, me ne mo anya, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

9 Na me nsa bɛba adiyifo a wohu ahuhude na wɔhyɛ nkɔntoro no so: Wɔrentena me man bagua no mu, na wɔrenkyerɛw wɔn din Israel fi din kyerɛw no mu, na wɔremma Israel asase so, na moahu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn.

10 Efisɛ esiane sɛ wosisi me man ka sɛ: Asomdwoe, nanso asomdwoe nni hɔ, na ɔman no to fasu bi, na hwɛ, wɔn de, wɔde hyirew sra ho nti,

11 ka kyerɛ wɔn a wɔde hyirew sra ho no sɛ: Ɛbɛhwe ase! Osu a ɛsram so bɛba na amparuwbo bɛtotɔ, na kyinhyia mframa bɛbɔ.

12 Na hwɛ, ɔfasu no bɛhwe ase. So wɔrenka nkyerɛ mo sɛ: Ɛhe na ɔsra a mosraa ho no wɔ?

13 Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛma kyinhyia mframa abɔ m’abufuhyew mu, na osu a ɛsram so aba m’abufuw mu, na amparuwbo aba anibere mu abewie.

14 Na medwiriw fasu a mode hyirew sraa ho no agu ma aka fam na ne nnyinaso ada adi, na ahwe ase, na moadwerɛw wɔ mu, na moahu sɛ mene AWURADE.

15 Na mewie m’abufuhyew, ɔfasu ne wɔn a wɔde hyirew sraa ho no so, na maka makyerɛ mo sɛ: Ɔfasu no nni hɔ bio, na wɔn a wɔsraa ho no nso nni hɔ bio,

16 Israel adiyifo a wɔkaa Yerusalem ho adiyisɛm, sɛ wohuu asomdwoe ade maa no, nanso asomdwoe bi nni hɔ no, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

17 Na wo, onipa ba, yi w’ani sa wo man mmabea a wofi wɔn komam hyehyɛ nkɔm no, na hyɛ wɔn ho nkɔm sɛ:

18 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Munnue, mo mmea a mopompam nkataho ma nsa akwaa nyinaa na mopam nnukuu ma ti horow nyinaa sɛ mode reyi akra. So muyi me man akra, na mo ankasa mo kra de, mugye no nkwa?

19 Na muhura me ho, me man mu, atoko nsa amaama ne abodoo afono ma bi nti, sɛ mode atoro a mudi kyerɛ me man a wotie atoro no rekum akra a enni kum, na moregye akra a ɛnsɛ nkwa no nkwa.

20 Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne mo nkabere a mode reyi akra sɛ nnomaa no anya, na mɛtetew afi mo basa ho na magyaa akra no, akra a muyi wɔn no, ama wɔatu akɔ sɛ nnomaa.

21 Na mɛtetew mo nnukuu, na mayi me man afi mo nsam, na wɔantena mo nsam sɛ ahayɔde bio, na moahu sɛ mene AWURADE.

22 Esiane sɛ mode atoro ma ɔtreneeni a me de, menhyɛɛ no awerɛhow no koma tutu, na mohyɛ ɔbɔnefo nsam den, sɛnea ɛbɛyɛ na wansan amfi ne kwammɔne so na wannya nkwa nti,

23 morenhu anisoade huhuw bio, na nkɔm nso morenhyɛ bio; na meyi me man afi mo nsam, na moahu sɛ mene AWURADE.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan