Hesekiel 11 - KYERƐW KRONKRONWɔtwe ɔman no gyigyefo no aso 1 Na honhom no maa me so de me kɔɔ AWURADE fi no apuei fam ponkɛse a ɛkyerɛ apuei no ano; na hwɛ, mmarima aduonu anum gyina ɔponkɛse no ano, na mihuu Asur ba Yaasania ne Benaia ba Pelatia, ɔman no mu mmapɔmma no, wɔ wɔn mu. 2 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, eyinom ne mmarima a wodwen abususɛm na wotu fo bɔne, kurow yi mu; 3 wose: Bere a wɔde sisi adan nnui; kurow yi ne dadesɛn no, na yɛne nam no. 4 Ɛno nti hyɛ wɔn ho nkɔm, hyɛ nkɔm, onipa ba! 5 Na AWURADE honhom tɔɔ me so, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ka sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Saa ara na moka, Israel fi, na nea ɛba mo adwene mu no, me de, minim. 6 Moama mo atɔfo adɔɔso kurow yi mu, na mode atɔfo ahyehyɛ emu mmorɔn amaama. 7 Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mo atɔfo a mode agugu mu no, wɔne nam no, na kurow no ne dadesɛn no, na mo de, wobeyi mo afi mu. 8 Nkrante na musuro, nso nkrante ara na mede mɛba mo so, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. 9 Na meyi mo afi mu, na mede mo mahyɛ ananafo nsa, na mebu mo mu atɛn. 10 Nkrante ano na mobɛtotɔ, Israel hye so na mebu mo atɛn, na moahu sɛ mene AWURADE. 11 Kurow no renyɛ mo dadesɛn, na mo nso morenyɛ mu nam; Israel hye so na mebu mo atɛn, 12 na moahu sɛ mene AWURADE a moanni m’ahyɛde so na moanyɛ m’atemmude, na amanaman a wɔatwa mo ho ahyia no atemmude so na mudii. 13 Na merehyɛ nkɔm no, Benaia ba Pelatia wui. Ɛnna mede m’anim mibutuw fam mede nne kɛse misuu sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, owie na worewie Israel nkae koraa yi! Onyankopɔn man no foforoyɛ 14 Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 15 Onipa ba, wo nuanom, wo nuanom ne wo bogyafo ne Israel fi mu nyinaa na Yerusalemfo ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mumfi AWURADE ho nkɔ akyirikyiri, yɛn na wɔde asase yi ama yɛn sɛ yenni so. 16 Ɛno nti ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɛwom sɛ mede wɔn mekɔɔ akyirikyiri, amanaman mu, na mebɔɔ wɔn mepetee nsaase so de, nanso mayɛ wɔn kronkronbea kakra, nsaase a wɔakɔ so no so. 17 Ɛno nti ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛboa mo ano afi aman mu, na matase mo afi nsaase a wɔabɔ mo apete so no so, na mede Israel asase no mama mo, 18 na wɔaba hɔ abeyi emu atantanne nyinaa ne emu akyide nyinaa afi mu akɔ. 19 Na mɛma wɔn koma koro, na mede honhom foforo mahyɛ mo mu, na mayi ɔbo koma no mafi wɔn honam mu, na mama wɔn ɔhonam koma, 20 na wɔanantew m’ahyɛde mu, na wɔadi m’atemmude so ayɛ, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn. 21 Na wɔn a wɔn koma di wɔn atantanne ne wɔn akyide akyi no, mede wɔn kwan mebua wɔn atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. 22 Ɛnna Kerubim no momaa wɔn ntaban so, na nkyimii no siane wɔn, na Israel Nyankopɔn anuonyam no wɔ wɔn so wɔ soro; 23 na AWURADE anuonyam no maa ne ho so fii kurow no mu, na ekogyinaa bepɔw a ɛda kurow no anim no so. 24 Na honhom no maa me so de me kɔɔ Kaldea, atukɔfo no nkyɛn, anisoadehu mu, Onyankopɔn honhom mu; na ade a mihui no fii me so kɔɔ soro. 25 Na mekaa AWURADE nsɛm a ɔma mihui no nyinaa mekyerɛɛ atukɔfo no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana