Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hebrifo 1 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn nam Kristo so kasa

1 Onyankopɔn a tete no ɔnam mmere horow ne akwan horow so, nam adiyifo kasa kyerɛɛ agyanom no,

2 nna a edi akyiri yi mu nso, ɔnam Ɔba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na wayɛ no nneɛma nyinaa so ɔdedifo, a ɔnam no so nso abɔ wiase nyinaa.

3 Ɔno ara a ɔyɛ n’anuonyam no haran ne ne su sɛso, na ɔnam ne tumi asɛm so, na ɔde n’ankasa ne ho dwiraa yɛn bɔne no, ɔkɔtenaa anuonyam kɛse no nifa so ɔsorosoro,

4 na wakyɛn abɔfo no mmoroso, sɛnea ne din kunini a wanya no kyɛn wɔn de no.


Kristo yɛ Onyankopɔn ba, na abɔfo yɛ n’asomfo

5 Na abɔfo mu hena na waka akyerɛ no pɛn sɛ: Me ba ne wo, me na mawo wo nnɛ? Na bio: Mɛyɛ no Agya, na wayɛ me ɔba?

6 Na onya de abakan no ba wiase bio a, ose: Ma Onyankopɔn abɔfo nyinaa nsɔre no!

7 Na abɔfo no ho de, ose: Ɔyɛ n’abɔfo mframa ne n’asomfo ogyaframa

8 Na ɔba no ho de, ose: Onyankopɔn, w’ahengua wɔ hɔ daapem daapem, w’ahenni poma yɛ poma a ɛteɛ.

9 Wodɔ trenee, na wukyi amumɔyɛ, enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahosan ngo asra wo asen wo mfɛfo.

10 Na: Awurade, mfiase no, wotoo asase fapem, na wo nsa ano nnwuma ne ɔsoro.

11 Ɛnonom bɛsɛe, na wo de, wowɔ hɔ ara, na ne nyinaa besuw sɛ atade,

12 na wobɛbobɔw no sɛ ofuratam, na wɔasakra wɔn sɛ atade; na wo de, wote sɛ wote ara, na wo mfe renhi da.

13 Na abɔfo no mu hena ho na waka pɛn sɛ: Tena me nifa so kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ase ntiaso?

14 Wɔn nyinaa nyɛ ahonhom asomfo a, wɔn a wɔbɛyɛ nkwagye no difo no nti, wɔsoma wɔn sɛ wɔnkɔsom no anaa?

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan