Habakuk 3 - KYERƐW KRONKRONAWURADE atemmu 1 Odiyifo Habakuk mpaebɔ, wɔ Shigionot so. 2 AWURADE, mate wo nka na masuro; AWURADE, kanyan w’adwuma no wɔ yɛn bere yi mu, bere yi mu, na ma wonhu; w’abufuhyew mu kae wo mmɔborohunu. 3 Onyankopɔn fi Teman ba, na ɔkronkronni no fi Paran bepɔw so. Sela N’anuonyam kata ɔsoro, na n’ayeyi yɛ asase so ma. 4 Ne hyerɛn te sɛ owia hann, nsesae wowɔ ne ho, na ɛhɔ ne n’ahoɔden ahintawee. 5 Ɔyaredɔm a ɛpra di n’anim, na ɔyare a ɛhyehye fi di ne nan ase. 6 Ogyina hɔ na ɔwosow asase, ɔhwɛ, na ɔma amanaman ho popo; daa mmepɔw dwiriw, tete nkoko brɛ ase, n’akwan te sɛ tete de. 7 Mihuu Kusan ntamadan wɔ ahohia mu, Midian asase so kuntudan no popo. 8 Nsubɔnten so na, AWURADE w’abufuw redɛw? Ɛpo na wo bo huru tiaa no bere a wote w’apɔnkɔ so, wo nkwagye nteaseɛnam so reba no? 9 Woayɛ wo ta krado, na woaka ntam wɔ w’agyantow ho. Sela Wopaapae asase mu yɛ no nsubɔnten. 10 Mmepɔw hu wo a wohinhim; nsu a etue reba; ebun donkudonku ma ne nne so, ɛma ne nsa so kɔ soro; 11 owia ne ɔsram gyinagyinaa wɔn sibere w’agyan a ɛnenam no hann nti, wo peaw anyinam pa hyerɛn no nti. 12 Abohuru mu na wonam fa asase so, abufuw mu na woposaw amanaman. 13 Wufii adi sɛ worebegye wo man, worebegye nea wɔasra no no; wobobɔɔ ɔbɔnefo ti, womaa ne ho daa hɔ fi ne nan ase kosi n’atifi Sela 14 Wode mpɛmɛ hwirew n’akofo tirim, wotu sɛ ahum ba sɛ wɔrebɛbɔ me apete, wɔn anigye ne sɛ wɔbɛmene ɔbrɛfo ahintawee mu. 15 Wode w’apɔnkɔ si po mu, nsu pii a ehuru no mu. Onyankopɔn ahoyi so ade 16 Metee na me yafunum popoe, m’ano saw biribiri, ɛnne no ho; ɔporow hyɛn me nnompe mu, na m’ase popoe, nanso mɛtena ase matwɛn ahohia da no, mahwɛ asotwe a AWURADE de bɛma wɔn a wɔbɛtoaa yɛn no. 17 Sɛ borɔdɔma rengu nhwiren, na aba bi nni abobe so; ngodua sow di huammɔ, na mfuw mma aduan, nguan to twa fi ban mu, na nantwi bi nni adan mu mpo a. 18 Me de AWURADE mu na medi ahurusi, me ho bɛsɛpɛw me, me nkwagye Nyankopɔn mu. 19 ONYANKOPƆN, Awurade no, ne m’ahoɔden, na ɔma m’anan yɛ sɛ aforote de, na ɔma menantew sorɔnsorɔmmea. Wɔmfa mma dwonkyerɛfo na wɔnto no m’asanku so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana