Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Habakuk 1 - KYERƐW KRONKRON


Habakuk Nsɛmmisa a edi kan

1 Eyinom ne nsɛm a AWURADE yi kyerɛɛ Odiyifo Habakuk.

2 AWURADE, menteɛm nkosi da bɛn ara, na wubetie me? Nhyɛso nti misu mefrɛ wo, nanso worennye me so

3 Ɛdɛn nti na woma mihu abusude, na wohwɛ ɔhaw pii yi? Ɔsɛe ne nhyɛso da m’anim, na ɔham ba, na akameakame sɔre.

4 Enti mmara mu agow, na atɛntrenee nni hɔ bio, efisɛ abɔnefo twa ɔtreneeni ho hyia, enti atemmu akyea.


Kaldeafo so atemmu

5 Monhwɛ amanaman mu na munhu, na mo ho nnwiriw mo pa ara, na mereyɛ adwuma bi, mo bere so a, wɔka kyerɛ mo a, morennye nni.

6 Na hwɛ, merehwanyan Kaldeafo, ɔman a wɔn tirim yɛ den, na wɔn ho yɛ hare a wɔnantew asase so nyinaa, fa tenabea a ɛnyɛ wɔn de di so.

7 Wɔn ho yɛ hu ne ahometew, wɔyɛ ahantanfo a wɔyɛ nea wɔpɛ.

8 Wɔn apɔnkɔ ho yɛ hare sen asebɔ, na wɔn ho yɛ hu yiye sen anadwofa mpataku, na wɔn apɔnkɔ tew praka, na wofi akyirikyiri reba, wotu sɛ ɔkɔre a ɔrepɛ ntɛm akɔ adidi.

9 Wɔn nyinaa reba anibere so, na wɔde wɔn ani akyerɛ apuei fam, na wɔtase nnommum sɛ anwea.

10 Wɔn de, wosi ahene atwetwe na abirempɔn ho yɛ wɔn serew, wɔserew aban a ɛyɛ den nyinaa, na wɔboa dɔte ano gu hɔ na wɔfa.

11 Ɛno na wotwam sɛ mframa, na wɔsen kɔ, na wokodi so; wɔn ahoɔden yi ara ne wɔn nyame.


Habakuk Nsɛmmisa a ɛto so abien

12 AWURADE, me Nyankopɔn, me kronkronni, so womfi tete nteredee? AWURADE wo ne ɔbotantim, yɛrenwu, na mmom hyɛ ara na woahyɛ Kaldeafo sɛ wommu yɛn atɛn na yɛn asotwe nti na wode wɔn asi hɔ.

13 Wo a w’aniwa yɛ kronkron a wuntumi nhwɛ bɔne na wuntumi nhwɛ ɔhaw, ɛdɛn nti na wohwɛ nkɔnkɔnsafo, na ɔbɔnefo mene ɔtreneeni a ɔteɛ sen no a, woyɛ komm?

14 Na woayɛ nnipa sɛ ɛpo mu mpataa, sɛ mmoa a wɔwea a obi nni wɔn so.

15 Saa nti ɔtamfo no de darewa atwe wɔn nyinaa, ɔde asawu twe wɔn, na ɔboa wɔn ano ne kyerɛnkyɛ mu; enti n’ani gye na ne ho sɛpɛw no,

16 Saa nti ɔbɔ n’asawu no afɔre na ɔhyew aduhuam ma ne kyerɛnkyɛ no, efisɛ ɛno na ɛma ne kyɛfa dɔ srade, na n’aduan dɔɔso.

17 So ɛno nti ɔnkɔ so mporow n’asawu mu, na okunkum amanaman a ahummɔbɔ nni mu?

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan