Galatifo 4 - KYERƐW KRONKRONYɛnam Kristo ho gyidi so yɛ Onyankopɔn mma 1 Na mise: Ɔdedifo no yɛ akokoaa yi, ɔyɛ nneɛma nyinaa wura de, nanso nsonoe biara nna ɔne akoa ntam, 2 na mmom ɔwɔ ahwɛfo ne afiesohwɛfo ase de kosi da a agya no ahyɛ asie. 3 Sɛ yɛte ara ne no. Yɛyɛ nkokoaa no, wɔde yɛn yɛɛ nkoa hyɛɛ wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ ase; 4 na bere no wiee odu no, Onyankopɔn somaa ne ba a ɔbea woo no ma wɔwoo no mmara ase, 5 sɛ ommegye wɔn a wɔwɔ mmara ase no, na wɔagye yɛn ayɛ mma. 6 Na sɛ moyɛ mma nti, Onyankopɔn asoma ne Ba honhom aba mo komam a ɔteɛm sɛ: Abba, agya! 7 Enti wonyɛ akoa bio, na mmom ɔba; na sɛ woyɛ ɔba a, wonam Onyankopɔn so yɛ ɔdedifo nso bi. Aniani som yɛ ɔkwa 8 Nanso bere a munnim Nyankopɔn no, mosom wɔn a wɔn su mu wɔnyɛ anyame no sɛ nkoa. 9 Na afei a moahu Nyankopɔn, anaasɛ Onyankopɔn mmom ahu mo yi, adɛn na mosan mo akyi bio kɔ honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ mmerɛw, na edi hia no ho, na mopɛ sɛ mufi ase foforo som bio? 10 Mubu nna ne asram ne mmere ne mfe. 11 Misuro wɔ mo ho sɛ ebia mahaw me ho mama mo kwa. Galatifo da bi hɔ dɔ 12 Anuanom, mesrɛ mo, monyɛ sɛ me, efisɛ me nso mayɛ sɛ mo. Moanyɛ me bɔne biara; 13 nso munim sɛ ɔhonam mmerɛwyɛ so na mekaa asɛmpa no mekyerɛɛ mo kan no, 14 na nea ɛyɛɛ sɔhwɛ maa mo me honam mu no, moannwoodwoo me, nso moankyi, na mmom mugyee me sɛ Onyankopɔn bɔfo, Yiw, sɛ Kristo Yesu ankasa ara. 15 Na afei mo ahosɛpɛw no wɔ he? Efisɛ midi mo adanse sɛ, sɛ ebetumi a, anka mututuu mo ani maa me. 16 Na sɛ meka nokware mekyerɛ mo nti, madan mo tamfo anaa? Paulo hwehwɛ Galatifo yiyedi 17 Ayɛ sɛnea ebinom pɛ mo yiyedi ara ma, nanso wɔpɛ sɛ wosiw mo kwan, na moapere ahwehwɛ wɔn mmom. 18 Nanso eye sɛ anka wɔbɔ mo yiyedi ho mmɔden daa na ɛnyɛ bere a me ne mo wɔ hɔ nko. 19 Ao, me mma nkumaa a mereko mo awo bio kosi sɛ wobewie Kristo suyɛ wɔ mo mu, 20 anka mepɛ sɛ mewɔ mo nkyɛn seisei, na mesakra me nne, efisɛ me tirim ntene me wɔ mo ho. Akoa Ismael ne ɔdehye Isak 21 Mo a mopɛ sɛ mohyɛ mmara ase, monka nkyerɛ me: Monte nea mmara no se anaa? 22 Na wɔakyerɛw sɛ na Abraham wɔ mmabanin baanu, obiako yɛ afenaa ba, na obiako yɛ ɔdehye ba. 23 Na nea ɔyɛ afenaa ba no, wɔwoo no ɔhonam kwan so, na ɔdehye ba no de, wɔnam bɔhyɛ so na ɛwoo no. 24 Saa ade yi yɛ mfatoho, efisɛ wɔn baanu yi yɛ apam abien; obiako fi Sinai bepɔw so a ɔrewo gu nkoayɛ mu, ɛne Hagar. 25 Na Hagar yɛ Sinai bepɔw a ɛwɔ Arabia; na ɛno ne nnɛ yi Yerusalem sɛso, efisɛ ɛyɛ ne mma wɔ nkoasom mu. 26 Na ɔsoro Yerusalem no de, ɛde ne ho, ɛne yɛn na. 27 Efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Wo obonin a wonwo, ma w’ani nnye; wo a wonko awo, di ahurusi teɛm! Efisɛ nea onni bi no mma dɔɔso sen nea ɔwɔ kunu no de. Monhwɛ mo adehyedi so yiye! 28 Na yɛn de, anuanom, sɛnea Isak te no, yɛyɛ bɔhyɛ mma. 29 Na sɛnea saa bere no nea wɔwoo no ɔhonam kwan so no taa nea wɔwoo no honhom kwan so no, saa ara na ɛte nnɛ ara ne no. 30 Nanso kyerɛw no se dɛn? Pam afenaa no ne ne ba; efisɛ afenaa ba no ne ɔdehye ba no renni ade. 31 Enti, anuanom, yɛnyɛ afenaa mma na mmom yɛyɛ ɔdehye mma. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana